Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 2:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔfirii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔfirii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfoɔ no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔfirii aseɛ kyerɛkyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu san kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuw a wɔahyia wɔ hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Yesu sane kɔɔ mpoano hɔ bio, na ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ nnipakuo a wɔahyia wɔ hɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ofii adi bio kɔɔ mpoano; na nkurɔfo no nyinaa baa ne nkyɛn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Marko 2:13
11 Referencias Cruzadas  

Ɛda no ara Yesu firii fie kɔtenaa mpoano.


Na Yesu firi hɔ retwam no, ɔhunuu onipa bi a ɔte atogyeeɛ a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.


Na ɔno deɛ, ɔfirii adie no, ɔfitii aseɛ kekaa no pii, na ɔmaa asɛm no trɛe, ɛno nti Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biara mu bio; na mmom ɔtenaa ɛserɛ so hɔnom baabi, na wɔfiri mmaa nyinaa baa ne nkyɛn.


Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.


Na nnipa pii bɛhyiae a enti wɔansene aboboano hɔ mpo; na ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn.


Na ɔfitii aseɛ kyerɛkyerɛɛ bio wɔ mpoano; na nkurɔfokuo pii hyia baa ne nkyɛn, enti ɔkɔɔ kodoɔ mu kɔtenaa ase ɛpo no ani; na nkurɔfokuo no nyinaa wɔ mpoano asase no so.


Na wɔanhunu deɛ wɔbɛyɛ; ɛfiri sɛ ɔman no nyinaa de wɔn ho bataa ne ho tiee no.


Na ɔman no nyinaa tua anɔpa ba ne nkyɛn asɔrefie hɔ bɛtie no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios