Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 15:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Afei ma Kristo, Israel hene no, mfiri asɛnnua no so nsi fam, na yɛnhunu, na yɛnnye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso yaa no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

32 Afei ma Kristo, Israel hene no, mfiri asɛnnua no so nsi fam, na yɛnhunu, na yɛnnye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso yaa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛw bio se, “Agyenkwa! Yudafo hene! Sian fi asennua no so si fam, na yennye wo nni!” Awudifo a wɔbɔɔ wɔne Yesu asennua mu no mpo dii ne ho fɛw bi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Wɔkɔɔ so dii ne ho fɛ bio sɛ, “Agyenkwa! Yudafoɔ ɔhene! Siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni!” Awudifoɔ a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu no mpo dii ne ho fɛ bi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Afei ma Kristo no, Israel hene, mfi asɛnnua no so nsi fam, na yenhu na yennye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso yaw no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 15:32
16 Referencias Cruzadas  

Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


AWURADE ayi w’atemmudeɛ no kɔ, wato w’atamfo agu; AWURADE, Israel hene no wɔ wo mu, worenhunu amane bio.


Di ahurisie pii, Sion babaa, huro, Yerusalem babaa! Hwɛ, wo hene reba wo nkyɛn, ɔtene, na ɔwɔ nkwagyeɛ; ɔdwo, na ɔte afunumu so, afunumuburuwa a ɔyɛ afunumubereɛ ba so.


Na awoɔ ntoatoasoɔ a ɛfiri Abraham so de bɛsi Dawid so nyinaa yɛ dunan, na ɛfiri Dawid so de bɛsi sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan, na ɛfiri sɛ wɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Babel no bɛsi Kristo soɔ no nso yɛ awoɔ ntoatoasoɔ dunan.


sɛ: Ɔgyee ebinom na ɔntumi nnye ne ho. Sɛ ɔno ne Israel hene a, ma no mfiri asɛnnua no ho nsi fam, na yɛbɛgye no adi.


Saa ara na adwotwafoɔ a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso didii no atɛm.


Na wɔtwerɛɛ afodisɛm no wɔ atifi sɛ: YUDAFOƆ HENE NO!


Na wɔsɛnee akwanmukafoɔ baanu kaa ne ho, ɔbaako wɔ ne nifa, na ɔbaako wɔ ne benkum;


Natanael bua see no sɛ: Rabi, wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene no!


wɔfefaa berɛ, na wɔfirii adi sɛ wɔrekɔhyia no, na wɔteateaa mu sɛ: Hosiana! Nhyira ne deɛ ɔreba Awurade din mu no, Israel hene no!


Na sɛ ebinom annye anni ɛ? Wɔn gyeɛ a wɔnnye nnie no bɛma Nyankopɔn gyidie no adane hunu anaa?


a wɔapae afiri nokorɛ no ho reka sɛ owusɔreɛ atwam, na wɔdane binom gyidie butuo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios