Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 14:72 - New Revised Asante Twi Bible

72 Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Na ne werɛ hoo pii, Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ ma ɔsui!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

72 Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Na ne werɛ hoo pii, Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu soɔ ma ɔsui!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

72 Mpofirim, na akokɔ bɔn nea ɛto so abien. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no se, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ofii ase sui.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

72 Na ɛhɔ ara, akokɔ bɔnee deɛ ɛtɔ so mmienu. Na Petro kaee Yesu asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Akokɔ remmɔn mprenu na woapa me mprɛnsa” no. Na ɔhyɛɛ aseɛ suiɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

72 Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so. Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa. Na ne werɛ howee pii, na amonom hɔ ara na akokɔ bɔnee ne mprenu so ma osui!

Ver Capítulo Copiar




Marko 14:72
15 Referencias Cruzadas  

Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!


deɛ ɛbɛyɛ na woakaeɛ, na w’ani awuo, na w’aniwuo nti woammue w’ano bio, sɛ makata deɛ woyɛeɛ no nyinaa so mama woɔ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Ɛno na mobɛkae mo akwammɔne ne mo nneyɛɛ a ɛnyɛ no, na mo amumuyɛ ne mo akyiwadeɛ no nti, mo ho ayɛ mo nwunu, mo anim.


Na wɔn mu adwanefoɔ firi mu a, wɔbɛkɔ akɔtena mmepɔ so, na wɔn nyinaa ayɛ sɛ mmonhwa mu mmuburo a wɔsisi apini, obiara n’amumuyɛ ho.


Yesu see no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.


Na Yesu see no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, ɛnnɛ anadwo yi, akokɔ remmɔn mprenu, na woapa me mprɛnsa.


Na Petro sanee sɛ: Mennim, na mente deɛ woreka yi ase mpo. Na ɔfirii adi kɔɔ ntwonoo mu, na akokɔ bɔnee.


Na ɔfitii aseɛ dii nse, na ɔkekaa ntam sɛ: Mennim onipa a moreka ne ho asɛm yi.


Na Petro se: Barima, mennim deɛ woreka yi. Na amonom hɔ ara a ɔgu so rekasa no, akokɔ bɔnee.


Na Petro firii adi kɔsuu yayaaya.


Na Nyankopɔn kwan so awerɛhoɔ yɛ adwensakyera a ɛde kɔ nkwagyeɛ mu, a wɔnnu wɔn ho wɔ ho; na ewiase awerɛhoɔ deɛ, ɛma owuo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios