Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 14:65 - New Revised Asante Twi Bible

65 Na ebinom fitii aseɛ hinam ntasuo guu ne so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wɔsee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotorɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

65 Na ebinom fitii aseɛ hinam ntasuo guu ne so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wɔsee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotorɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

65 Na ebinom tee ntasu guu no so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no se “Wuse woyɛ odiyifo, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfo a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotɔre.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

65 Na ebinom tee ntasuo guu ne so, na wɔkyekyeree nʼani, na wɔbobɔɔ no akuturuku bisaa no sɛ “Wose woyɛ odiyifoɔ, kyerɛ yɛn onipa ko a ɔbɔɔ wo!” Na asomfoɔ a wɔde no rekɔ no bobɔɔ no asotorɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

65 Na ebinom fii ase hinam ntasu guu no so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wosee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotɔre.

Ver Capítulo Copiar




Marko 14:65
17 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Kenaana ba Sedekia twe piniiɛ bɛbɔɔ Mikaia sotorɔ kaa sɛ: Ɛhe na AWURADE honhom nam firii me nkyɛn bɛkasa kyerɛɛ woɔ yi?


Na ɔhene no sane firii ahemfie turo no mu baa nsa pono no ase, na Haman ahwe nnaeɛ a Ester wɔ soɔ no so. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔrebɛhyɛ ɔhemmaa ne no ada mpo m’anim wɔ me ara me fie ha nso? Asɛm no firii ɔhene anomu ara pɛ, na wɔkataa Haman ani.


Wɔkyiri me, wɔma me ne wɔn ntam twe, na wɔnkame sɛ wɔtoto ntasuo gu m’ani soɔ.


Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ, ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ. Manyi m’ani mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.


Sɛdeɛ ne ho yɛɛ nnipa pii ahodwirie no, ɛsiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa deɛ, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma deɛ bio no nti,


Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Afei bɔ kyenku, wo Sion babaa. Ɔtua yɛn twa yɛn ho hyia. Wɔde abaa bɔ Israel temmufoɔ nnyepi.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n’agya hinam n’ani so ntasuo kɛkɛ mpo a, anka n’ani renwu nnanson anaa? Wɔnto no mu nnanson nsraban no akyi, na ɛno akyiri ansa na wɔmfa no mmra mu bio.


Na wɔtoo ntasuo guu ne so, gyee demmire no, na wɔde paee n’apampam.


na wɔagoro ne ho na wɔatete ntasuo agu ne so, na wɔaka no mpire, na wɔakum no; na ne nnansa soɔ no, wasɔre bio.


Na wɔde demmire paee n’apampam, na wɔtotoo ntasuo guu ne so, na wɔbuu nkotodwe sɔree no.


Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie?


na wɔkɔɔ so ara baa ne nkyɛn kaa sɛ: Yudafoɔ hene, mo oo! Na wɔbobɔɔ no asotorɔ.


Na Ɔsɔfopanin Anania hyɛɛ wɔn a wɔgyina ne ho sɛ wɔmmɔ n’ano so.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios