Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 14:49 - New Revised Asante Twi Bible

49 Daa a mewɔ mo nkyɛn asɔrefie rekyerɛkyerɛ no, moankye me; na sɛdeɛ atwerɛsɛm no bɛba mu ntira!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

49 Daa a mewɔ mo nkyɛn asɔrefie rekyerɛkyerɛ no, moankye me; na sɛdeɛ atwerɛsɛm no bɛba mu ntira!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

49 Adɛn na bere a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankyere me? Nanso eyinom nyinaa aba sɛnea ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

49 Adɛn na ɛberɛ a merekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu hɔ no, moankye me? Nanso, yeinom nyinaa aba sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkɔm a wɔhyɛɛ wɔ me ho no bɛba mu.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

49 Daa mewɔ mo nkyɛn asɔrefi mekyerɛkyerɛ no, moankyere me; na sɛ kyerɛw nsɛm no bɛba mu ntia!

Ver Capítulo Copiar




Marko 14:49
27 Referencias Cruzadas  

Na yei nyinaa yɛɛ hɔ, na deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ no aba mu sɛ:


Na ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na twerɛ nsɛm no bɛba mu sɛ, ɛtwa sɛ ɛyɛ saa?


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.


Na yei nyinaa aba, na deɛ adiyifoɔ no kaa no twerɛ nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ.


Na ɔsɔre firii hɔ baa Yudea fam ne Yordan agya nohoa; na nkurɔfoɔ akuakuo boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn bio, na sɛdeɛ ɔyɛ daa no, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn bio.


Na wɔbaa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefie no, asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no baa ne nkyɛn,


Na Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie no, ɔkaa sɛ: Adɛn na Atwerɛfoɔ no ka sɛ Kristo yɛ Dawid ba?


Na Yesu bisaa wɔn sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so, de nkrantɛ ne mmaa rebɛkyere me?


Na asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwanee.


Na daa ɔkyerɛkyerɛɛ asɔrefie hɔ; na na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne ɔman no mu atitire rehwehwɛ no aku no.


Na mese mo sɛ, yei a wɔatwerɛ nso, ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofoɔ mu. Na deɛ ɛfa me ho no wɔ awieeɛ.


Na Yesu nenam asɔrefie Salomo abrannaa so.


Yesu buaa no sɛ: Me deɛ, mekasaa pefee mekyerɛɛ wiase; daa mekyerɛkyerɛɛ hyia adan mu ne asɔrefie, faako a Yudafoɔ nyinaa hyia, na kokoam deɛ menkaa hwee.


Na da a ɛdi akyire a ɛyɛ afahyɛ no mu da kɛseɛ no, Yesu sɔre gyinae, na ɔteaa mu sɛ: Sɛ osukɔm de obi a, ɔmmra me nkyɛn, mmɛnom nsuo!


Ɛnna Yesu kasa kyerɛɛ wɔn bio sɛ: Mene wiase hann; deɛ ɔdi m’akyire no rennante sum mu da, na ɔbɛnya nkwa hann.


Na ahemadakye no, ɔbaa asɔrefie bio, na ɔman mu no nyinaa baa ne nkyɛn; na ɔtenaa ase kyerɛkyerɛɛ wɔn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios