Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 14:45 - New Revised Asante Twi Bible

45 Na ɔduruiɛ no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Rabi! Na ɔfee n’ano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

45 Na ɔduruiɛ no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Rabi! Na ɔfee n’ano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Yuda kɔɔ Yesu nkyɛn kɔkae se, “Me Wura.” Afei ofew nʼafono, yɛɛ no atuu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Ɛno enti, wɔduruu hɔ pɛ, ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔbam no kaa sɛ, “Me Wura.” Afei, ɔyɛɛ no atuu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

45 Na odui no, ntɛm ara na ɔbaa ne nkyɛn bɛkae sɛ: Rabi! Na ofew n’ano.

Ver Capítulo Copiar




Marko 14:45
10 Referencias Cruzadas  

Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.


Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni. Na sɛ agya ne me a, m’anidie wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo AWURADE na ɔreka akyerɛ mo, asɔfoɔ a mobu me din animtia. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛbu wo din animtia?


Na wɔbaeɛ no, wɔsee no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ na wonhwehwɛ biribi mfiri obi hɔ; na wonhwɛ nnipa anim, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwan nokorɛ mu: Ɛwɔ ho kwan sɛ wɔyi toɔ ma Kaesare, anaasɛ wɔnyi? Yɛntua anaasɛ yɛnntua?


Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no, monkye no, na monsɔ no mu yie mfa no nkɔ!


Na wɔde wɔn nsa kɔsɔɔ ne mu kyeree no.


Na adɛn na mofrɛ me: Awurade, Awurade, na monyɛ deɛ meseɛ?


Yesu see no sɛ: Maria! Na ɔdanee ne ho see no Hebri kasa mu sɛ: Raboni! (aseɛ ne sɛ: Ɔkyerɛkyerɛfoɔ).


Saa berɛ no mu no n’asuafoɔ no see no sɛ: Rabi, didi!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios