Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 14:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Na ɔkaa sɛ: Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

36 Na ɔkaa sɛ: Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Ɔkae se, “Abba, Agya! Wutumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso nea wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ nea mepɛ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya! Wotumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ deɛ mepɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Na ɔkae sɛ: Abba, agya! Wutumi ade nyinaa yɛ; yi kuruwa yi fi me ho kɔ; nanso ɛnyɛ nea mepɛ, na nea wopɛ.

Ver Capítulo Copiar




Marko 14:36
22 Referencias Cruzadas  

Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.


Deɛ mepɛ ne sɛ mɛyɛ deɛ wo, me Nyankopɔn, wopɛ, na wo mmara wɔ m’akomam.


Hwɛ, me AWURADE ne ɔhonam nyinaa Nyankopɔn; biribi bɛyɛ me den anaa?


Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ.


Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ.


Enti mommɔ mpaeɛ sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, Wo din ho nte,


Na Yesu hwɛɛ wɔn kaa sɛ: Nnipa fam na ɛntumi nyɛ hɔ, na ɛnyɛ Nyankopɔn fam; ɛfiri sɛ Nyankopɔn fam deɛ nnoɔma nyinaa bɛtumi ayɛ hɔ.


Na wɔbua see no sɛ: Yɛbɛtumi. Na Yesu see wɔn sɛ: Kuruwa a menom no deɛ mobɛnom, na asubɔ a wɔde bɔ me no, wɔde bɛbɔ mo;


Na ɔba bɛhunuu wɔn sɛ wɔada, na ɔsee Petro sɛ: Simon, woada? Woantumi anwɛn dɔnhwereɛ baako mpo?


Afei me kra ho yera no; na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu! Nanso yei nti na mebaa dɔn yi mu.


Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrantɛ no hyɛ bɔha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa?


Yesu see wɔn sɛ: M’aduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ, na mewie n’adwuma.


Me deɛ, mentumi menhyɛ me ho menyɛ hwee; sɛdeɛ meteɛ no, na mebu atɛn, na m’atemmuo no yɛ tenenee. Na menhwehwɛ deɛ me ara mepɛ, na deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ.


Na sɛ moyɛ mma nti, Onyankopɔn asoma ne Ba honhom aba mo akoma mu a ɔteam sɛ: Abba, Agya!


ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ setie de kɔsii owuo mu, aane, asɛnnua ho wuo mu mpo.


Sɛ yɛnyɛ anokwafoɔ a, ɔno deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ara, ɛfiri sɛ ɔntumi mpa ne ho akyi.


daa nkwa anidasoɔ so, nkwa a Onyankopɔn a ɔnni atorɔ no de firi teteete hyɛɛ bɔ,


na yɛafa nnoɔma mmienu a ɛnsakyera, a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni atorɔ wɔ biribiara mu no so anya awerɛhyɛmu a emu yɛ den, na yɛn a yɛadwane repɛ hintabea no bɛsɔ anidasoɔ a ɛda yɛn anim no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios