Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 14:13 - New Revised Asante Twi Bible

13 Na ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu, na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ kuro no mu. Na onipa bi a ɔso ahina bɛhyia mo; monni n’akyi,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

13 Na ɔsomaa n’asuafoɔ no mu baanu, na ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ kuro no mu. Na onipa bi a ɔso ahina bɛhyia mo; monni n’akyi,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔsomaa nʼasuafo no mu baanu kɔɔ Yerusalem se wonkosiesie baabi mma no. Nea ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kurow no mu a, mubehyia onipa bi a ɔso ahina. Munni nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

13 Ɔsomaa nʼasuafoɔ no mu baanu kɔɔ Yerusalem sɛ wɔnkɔsiesie baabi mma no. Deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn ne sɛ, “Morekɔ kuro no mu a, mobɛhyia onipa bi a ɔso ahina. Monni nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

13 Na ɔsomaa n’asuafo no mu baanu, na osee wɔn sɛ: Monkɔ kurow no mu! Na onipa bi a ɔso ahina behyia mo; munni n’akyi,

Ver Capítulo Copiar




Marko 14:13
11 Referencias Cruzadas  

Na me nso meyɛ onipa a mehyɛ tumi aseɛ, na mewɔ asraafoɔ hyɛ m’ase, na mese oyi sɛ: Kɔ! a, ɔkɔ, na mese ɔfoforɔ bi sɛ: Bra! a, ɔba, na mese m’akoa sɛ: Yɛ yei! a, ɔyɛ.


Na Apiti da a ɛdi kan a wɔkum Twam dwan no, n’asuafoɔ no bisaa no sɛ: Ɛhefa na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma wokɔdi Twam no?


na faako a ɔbɛhyɛne no, monse efiewura no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ no se: Ɛhefa na ahɔhodan a mene m’asuafoɔ bɛdi mu Twam no wɔ?


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Na ne na see asomfoɔ no sɛ: Biribiara a ɔbɛse mo no, monyɛ!


Na abɔdeɛ biara nni hɔ a ɛnna adie Nyankopɔn anim, na ade nyinaa ho da hɔ, na ɛso abue, deɛ yɛne no wɔ asɛm no anim.


na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios