Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 12:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na Atwerɛfoɔ no mu baako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnyeɛ, na ɔhunuu sɛ wabua wɔn yie no ba bɛbisaa no sɛ: Mmara asɛm a ɛdi ne nyinaa kan ne deɛ ɛwɔ he?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Na Atwerɛfoɔ no mu baako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnyeɛ, na ɔhunuu sɛ wabua wɔn yie no ba bɛbisaa no sɛ: Mmara asɛm a ɛdi ne nyinaa kan ne deɛ ɛwɔ he?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu baako a ogyina hɔ retie no huu sɛ, wabua wɔn sɛnea ɛfata no, obisaa no se, “Mose mmaransɛm no mu nea ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ retie no no hunuu sɛ, wabua wɔn sɛdeɛ ɛfata no, ɔbisaa no sɛ, “Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he na ɛkyɛn ne nyinaa?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na kyerɛwfo no mu biako a ɔtee sɛ wɔregye akyinnye na ohui sɛ wabua wɔn yiye no ba bebisaa no sɛ: Mmara asɛm a edi ne nyinaa kan ne nea ɛwɔ he?

Ver Capítulo Copiar




Marko 12:28
8 Referencias Cruzadas  

Ɔsee Yesu sɛ: Deɛ ɛwɔ he? Ɛnna Yesu se: Deɛ ɛse: Nni awu! Nsɛe awadeɛ! Mmɔ korɔno! Nni adansekurumu!


Monnue, mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moyi ɛme ne nunum ne tɛtɛ ho ntotosoɔ du du ma, na mogya mmara mu deɛ ɛsom boɔ no, a ɛyɛ atemmuo ne mmɔborɔhunu ne gyidie; yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, na monnya nkaeɛ no nso.


Enti obiara a ɔbɛto mmara mu nsɛm nketewa yi mu baako, na ɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa saa no, wɔbɛfrɛ no ketewa wɔ ɔsoro ahennie mu; na obiara a ɔbɛdi soɔ, na ɔbɛkyerɛkyerɛ no, ɔno na wɔbɛfrɛ no kɛseɛ ɔsoro ahennie mu.


Na wɔduruu asuafoɔ no nkyɛn no, wɔhunuu nkurɔfokuo pii wɔ wɔn ho ne Atwerɛfoɔ sɛ wɔne wɔn rebisabisa wɔn ho nsɛm.


Na mo Farisifoɔ, monnue sɛ momma ɛme ne nunum ne fan nyinaa so ntotosoɔ du du, na mogya atemmuo ne Nyankopɔn dɔ hɔ. Yei na anka ɛsɛ sɛ moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ mogya deɛ ɛka ho no hɔ.


Na Atwerɛfoɔ no mu bi buaa sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, woaka no yie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios