Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 11:33 - New Revised Asante Twi Bible

33 Na wɔbua see Yesu sɛ: Yɛnnim. Na Yesu se: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

33 Na wɔbua see Yesu sɛ: Yɛnnim. Na Yesu se: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Enti wɔn mmuae a wɔmae ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yennim.” Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ munnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuae!”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Enti, wɔn mmuaeɛ a wɔmaeɛ ara ne sɛ, “Yɛrentumi mmua. Yɛnnim.” Ɛhɔ ara na Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ monnim de a, me nso meremma mo asɛmmisa no ho mmuaeɛ!”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na wobua see Yesu sɛ: Yennim. Na Yesu see wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede yɛ eyinom menkyerɛ mo.

Ver Capítulo Copiar




Marko 11:33
26 Referencias Cruzadas  

Ɔkyere anyansafoɔ wɔn aniteɛ mu, na ɔbutu akontonkyifoɔ agyina.


Nantwie nim ne wura, na afunumu nim ne wura adididaka, na Israel deɛ, ɔnnim, me man nni nteaseɛ.


N’awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn nyinaa nnim de; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔyɛ nnamukasafoɔ, deda hɔ, pɛ nna.


Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.


Monnyaa wɔn, wɔyɛ anifirafoɔ a wɔkyerɛ anifirafoɔ kwan; na sɛ onifirani kyerɛ onifirani kwan a, wɔn baanu nyinaa bɛtɔ amena mu.


Nnɛ mma abɔnefoɔ ne awaresɛefoɔ hwehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔremma wɔn nsɛnkyerɛnneɛ biara, gye Yona nsɛnkyerɛnneɛ no. Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔeɛ.


Na wɔbuaa Yesu sɛ: Yɛnnim. Na ɔno nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me nso merenka tumi ko a mede meyɛ yeinom menkyerɛ mo.


Anaasɛ yɛnka sɛ: Ɛfiri nnipa? Na wɔsuro nkurɔfokuo no, ɛfiri sɛ na nnipa nyinaa bu Yohane sɛ ɔyɛ odiyifoɔ ampa.


Na ɔfitii aseɛ nam mmebuo so kasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Onipa bi yɛɛ bobe turo, na ɔgyee ho ban hyiae, na ɔtuu mu nsa-kyi-amena, na ɔtoo mu abantenten, na ɔde fɛm akuafoɔ bi, na ɔtuu bata.


Yesu bua see no sɛ: Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfoɔ na wonnim yeinom?


Ɔbuaa wɔn sɛ: Maka makyerɛ mo dada, na moante? Ɛdeɛn na mopɛ sɛ mote bio? Mo nso mopɛ sɛ modane n’asuafoɔ anaa?


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


Na ɛde bɛsi nnɛ mpo, sɛ wɔkenkan Mose nwoma a, nkatanimu no da so kata wɔn akoma so;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios