Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:41 - New Revised Asante Twi Bible

41 Na edu no teeɛ no, Yakobo ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

41 Na edu no teeɛ no, Yakobo ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

41 Asuafo a wɔaka no tee nea Yakobo ne Yohane kobisaa no, anyɛ wɔn dɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

41 Asuafoɔ a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane kɔbisaeɛ no, anyɛ wɔn dɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

41 Na edu no tee no, Yakob ne Yohane asɛm no anyɛ wɔn abodwo.

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:41
9 Referencias Cruzadas  

Ahantan de ntɔkwa nko na ɛba, na wɔn a wɔtie afotuo deɛ, nyansa ne wɔn te.


Na edu no teeɛ no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwoɔ.


Na Yesu frɛɛ wɔn bae, na ɔsee wɔn sɛ: Monim sɛ wɔn a wɔbu wɔn sɛ wɔdi wiase amanaman soɔ no di wɔn so sɛ awuranom, na wɔn mu akɛseɛ no di wɔn so tumi.


Na akasakasa bi nso baa wɔn mu sɛ, wɔn mu hwan na wɔbɛbu no kɛseɛ.


Na ɔsee wɔn sɛ: Wiase amanaman ahemfo di wɔn so ahensɛm, na wɔn a wɔdi wɔn so tumi no, wɔfrɛ wɔn adɛɛfoɔ.


Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yie, monni kan nnidi mo ho ni.


Monnnwene biribi atutupɛ anaa animuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛaseɛ adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛne mo ara mo ho.


Anaasɛ mosusu sɛ atwerɛ no kasa kwa, sɛ: Ɔtwe ne honhom a ɔte yɛn mu no ho ninkunu?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios