Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 10:38 - New Revised Asante Twi Bible

38 Na Yesu see wɔn sɛ: Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa a menom ano, anaasɛ mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

38 Na Yesu see wɔn sɛ: Monnim deɛ morebisa. Mobɛtumi anom kuruwa a menom ano, anaasɛ mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

38 Yesu maa wɔn mmuae se, “Munnim nea mubisa no! Mubetumi anom awerɛhow kuruwa nwenweenwen a ɛsɛ sɛ menom ano no ana? Anaasɛ mubetumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

38 Nanso, Yesu maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Monnim deɛ mobisa no! Mobɛtumi anom awerɛhoɔ kuruwa nwononwono a ɛsɛ sɛ menom ano no anaa? Anaasɛ, mobɛtumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

38 Na Yesu see wɔn sɛ: Munnim nea mubisa. Mubetumi anom kuruwa a menom ano anaa mobɛma wɔde asubɔ a wɔde bɔ me no abɔ mo?

Ver Capítulo Copiar




Marko 10:38
14 Referencias Cruzadas  

Na Ɔhene Salomo bua see ne na sɛ: Na adɛn nti na wobisa Sunamni Abisag awareɛ ama Adoniya? Bisa ahennie no nso ma no, na ɔno ne me nua panin, na Ɔsɔfoɔ Abiatar ne Seruia ba Yoab nso wɔ n’afa.


Na kuruwa bi wɔ AWURADE nsam, na emu bobesa ani firi ahuro, mfrasa ayɛ mu ma, na ɔhwie bi; ampa ara, aseɛ puo mpo, asase so abɔnefoɔ nyinaa bɛfefe anom.


Sɛ wo Wura, AWURADE ne wo Nyankopɔn a ɔdi ma ne man no seɛ nie: Hwɛ, megye wo nsam ntintantɔ kuruwa no, m’abufuhyeɛ kuruwa no, worenkɔ so nnom bio.


Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn aka akyerɛ me nie: Gye abufuhyeɛ nsa kuruwa yi me nsam, na ma amanaman a meresoma wo wɔn nkyɛn no nyinaa nnom,


Na wo na worehwehwɛ ade kɛseɛ afa? Nhwehwɛ, na hwɛ, mede bɔne mereba honam nyinaa so, AWURADE asɛm nie, na mede wo kra bɛma wo sɛ asadeɛ, baabiara a wobɛkorɔ.


Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ.


na wɔkaa wɔn bɔne maa no bɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.


Na ɔkaa sɛ: Aba, Agya! Wotumi nnoɔma nyinaa yɛ; yi kuruwa yi firi me so kɔ! Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ.


Asubɔ bi wɔ hɔ a wɔde bɛbɔ me, na me ho yera me kɔsi sɛ wɔbɛwie bɔ!


sɛ: Agya, sɛ wopɛ a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ, nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ.


Ɛnna Yesu see Petro sɛ: Fa nkrantɛ no hyɛ bɔha mu! Kuruwa a m’Agya de ama me no, mennnom anaa?


Saa ara nso na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ sɛdeɛ yɛbɛbɔ mpaeɛ a ɛsɛ no, yɛnnim, nanso Honhom no ara de ɔpene a ɛnni kabea di ma yɛn.


Mobisa na monnya, ɛfiri sɛ mobisa no bɔne, sɛdeɛ ɛbɛma moahwere no mo anigyedeɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios