Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Na ɔsee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na w’ahofire nti, kɔma deɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Na ɔsee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ na w’ahofire nti, kɔma deɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo. Sɛ worekɔ a fa wʼafɔrebɔde a Mose ahyɛ sɛ akwatafo a wɔasa wɔn yare mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ sɛnea ɛbɛma obiara ahu sɛ wo ho atɔ wo.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 “Nka saa asɛm yi nkyerɛ obiara, na mmom, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ. Sɛ worekɔ a, fa wʼafɔrebɔdeɛ a Mose ahyɛ sɛ akwatafoɔ a wɔasa wɔn yadeɛ mfa nka wɔn ho nkɔ no ka wo ho kɔ, sɛdeɛ ɛbɛma obiara ahunu sɛ wo ho atɔ wo bio.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Na osee no sɛ: Hwɛ, nka asɛm biara nkyerɛ obiara, na kɔ, na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfo, na w’ahofi nti kɔma nea Mose hyɛe no, na ɛnyɛ adanse mma wɔn.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:44
9 Referencias Cruzadas  

Na Yesu see no sɛ: Hwɛ, nka nkyerɛ obiara, kɔ na fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na kɔma ayɛyɛdeɛ a Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ adanseɛ mma wɔn.


Na Yesu baraa no dendeenden, na ɔmaa no firii adi ntɛm ara.


Na ɔhunuu wɔn no, ɔsee wɔn sɛ: Monkɔ mfa mo ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ. Na ɛbaa sɛ wɔrekorɔ no, wɔn ho fiiɛ.


Na ɔbaraa no sɛ ɔnnka nnkyerɛ obiara; na ɔse: Kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ ɔsɔfoɔ, na w’ahofire nti kɔma sɛdeɛ Mose hyɛeɛ no, na ɛnyɛ wɔn adanseɛ.


Ɛnna ɔsafohene no gyaa aberanteɛ no kwan, na ɔhyɛɛ no sɛ: Nka nkyerɛ obiara sɛ woayi me asotire!


Na biribiara a wɔatwerɛ ato hɔ no, wɔatwerɛ ama yɛn nkyerɛkyerɛ, sɛ yɛmfa boasetɔ ne twerɛ nsɛm no mu awerɛkyekyerɛ so nnya anidasoɔ.


Na yeinom nyinaa siiɛ, na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔatwerɛ no sɛ afotuo ama yɛn a wiase berɛ awieeɛ ato yɛn yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios