Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na ɛduruu anwummerɛ a owia kɔtɔeɛ no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

32 Na ɛduruu anwummerɛ a owia kɔtɔeɛ no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Eduu anwummere no, nnipa no de ayarefo ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yare.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Ɛduruu anwummerɛ no, nnipa no de ayarefoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne brɛɛ Yesu sɛ ɔnsa wɔn yadeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Na eduu anwummere a owia kɔtɔe no, wɔde wɔn a wɔn ho nyɛ wɔn den ne wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nyinaa brɛɛ no.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:32
8 Referencias Cruzadas  

Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


Na ɛduruu anwummerɛ no, wɔde wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne bebree brɛɛ no; na ɔde n’asɛm tuu ahonhommɔne no, na ɔsaa wɔn a wɔyare nyinaa yadeɛ.


Na deɛ Odiyifoɔ Yesaia kaeɛ no aba mu sɛ: Ɔno na ɔfaa yɛn ahoɔmmerɛ, na ɔsoaa yɛn nyarewa.


Na wɔkɔduruu Kapernaum. Na homeda duruiɛ no, ntɛm ara ɔkɔɔ hyiadan mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.


Na Yesu ba bɛsɔɔ ne nsa maa no so, na foɛ no gyaee, na ɔfirii aseɛ somm wɔn.


na wɔtɛɛ no sɛ ɔbɛsa no yadeɛ homeda anaa, na wɔakɔtoto n’ano.


Na owia retɔ no, wɔn a wɔwɔ ayarefoɔ a nyarewa ahodoɔ ha wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ no; na ɔde ne nsa guu wɔn nyinaa so mmaako mmaako saa wɔn yadeɛ.


Na ahonhommɔne nso firii nnipa pii mu kɔe, na wɔteaa mu sɛ: Wone Nyankopɔn ba no! Na ɔteateaa wɔn, wamma wɔankasa, ɛfiri sɛ wɔnim sɛ ɔne Kristo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios