Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Marko 1:14 - New Revised Asante Twi Bible

14 Na wɔyii Yohane maeɛ akyiri no, Yesu baa Galilea bɛkaa Nyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

14 Na wɔyii Yohane maeɛ akyiri no, Yesu baa Galilea bɛkaa Nyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

14 Ɔhene Herode kyeree Yohane akyi no, Yesu kɔɔ Galilea kɔkaa asɛmpa no wɔ hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

14 Na woyii Yohane mae akyi no, Yesu baa Galilea bɛkaa Onyankopɔn ho asɛmpa kyerɛe.

Ver Capítulo Copiar




Marko 1:14
16 Referencias Cruzadas  

Na Yohane tee Kristo nnwuma wɔ afiase no, ɔsomaa n’asuafoɔ


na ɔsee n’asomfo sɛ: Yohane suboni no ne no; wanyane afiri awufoɔ mu, na ɛno nti na tumideɛ yi yɛ adwuma wɔ ne mu yi.


Na Yesu tee sɛ wɔakyere Yohane no, ɔsii mu kɔɔ Galilea.


Ɛfiri saa berɛ no, Yesu firii aseɛ kaa asɛm sɛ: Monsakyera mo adwene; na ɔsoro ahennie no abɛn.


Na Yesu kyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa no, na ɔsaa yadeɛ ne ahoɔmmerɛ biara ɔman no mu.


Na Yesu kyinii nkuro ne nkuraa nyinaa mu kyerɛkyerɛɛ wɔn hyia adan mu, na ɔkaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ nyinaa.


ɔde yei kaa ne nyinaa ho de Yohane too afiase.


Na ɛbaa sɛ yei akyiri no, ɔkɔfaa nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kaa Nyankopɔn ahennie ho asɛmpa kyerɛe, na dummienu no ka ne ho,


Na afei, hwɛ, menim sɛ mo a menam mo mu mekaa ahennie no ho asɛm no nyinaa renhunu m’anim bio.


Na wɔhyɛɛ no da no, nnipa bebree baa ne nkyɛn faako a ɔteɛ hɔ; na ɔkyerɛɛ wɔn aseɛ dii Nyankopɔn ahennie ho adanseɛ, na ɔde Mose mmara ne adiyifoɔ no kyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm no firi anɔpa kɔsii anwummerɛ.


Paulo, Yesu Kristo akoa, a wɔfrɛɛ no sɛ ɔmmɛyɛ ɔsomafoɔ na wɔayi no asi hɔ ama Nyankopɔn asɛmpa


Na ɔba bɛkaa asomdwoeɛ ho asɛmpa kyerɛɛ mo a mowɔ akyiri ne wɔn a wɔbɛn,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios