Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Malaki 4:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 “Monkae mʼakoa Mose mmara, ahyɛde ne mmara a mede maa no wɔ Horeb so se ɔmfa mma Israelfo nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 “Monkae mʼakoa Mose mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa no wɔ Horeb so sɛ ɔmfa mma Israelfoɔ nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Monkae m’akoa Mose mmara a mehyɛɛ no Horeb, Israel nyinaa ho sɛ ahyɛde ne atemmude no.

Ver Capítulo Copiar




Malaki 4:4
25 Referencias Cruzadas  

AWURADE ani sɔɔ ne tenenee nti, sɛ ɔbɛma mmara no ayɛ kɛseɛ na anya animuonyam.


Wɔnni mmara ne adanseɛ no akyi! Sɛ wɔanka no sɛdeɛ asɛm yi teɛ a, ɛnneɛ adeɛ renkye wɔn.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ ɔkwan pa no wɔ, na momfa so, na monnya home mma mo kra. Nanso wɔse: Yɛremfa so.


Ɛnneɛ na yɛnam gyidie so tuu mmara no guiɛ anaa? Dabi da, na mmom yɛma mmara no ase tim.


Ɛda a na wogyina AWURADE wo Nyankopɔn anim, Horeb soɔ no na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Boaboa ɔman no ano ma me, na memma wɔntie me nsɛm a wɔnsua mfa nsuro me, nna a wɔde te aseɛ, asase soɔ nyinaa, na wɔmfa nkyerɛ wɔn mma:


Monhwɛ mo ho yie na mo werɛ amfiri AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔne mo pameeɛ no, na moanyɛ ohoni a ɛyɛ biribiara a AWURADE wo Nyankopɔn abara woɔ nsɛsoɔ amfa.


AWURADE yɛn Nyankopɔn ne yɛn yɛɛ apam Horeb so;


Hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE wo Nyankopɔn sɛ worenni ne mmara nsɛm ne n’atemmudeɛ ne n’ahyɛdeɛ a merehyɛ wo nnɛ yi soɔ;


Na sɛ wo werɛ firi AWURADE wo Nyankopɔn, na wokɔdi anyame foforɔ akyi som wɔn na wosɔre wɔn a, medi wo adanseɛ nnɛ, sɛ sɛeɛ na mobɛsɛeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios