Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Malaki 2:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Nanso moafiri ɔkwan no so amane, moama nnipa bebree asunti mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Nanso moafiri ɔkwan no so amane, moama nnipa bebree asunti mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo AWURADE na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso moaman afi ɔkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree ahintihintiw; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛnea Asafo Awurade se ni.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Nanso moamane afiri ɛkwan no so, na mo nkyerɛkyerɛ ama bebree asuntisunti; moabu me ne Lewi apam no so.” Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Nanso moafi ɔkwan no so aman, moama nnipa bebree ahintiw mmara no, moasɛe Lewi apam no, asafo Awurade na ose.

Ver Capítulo Copiar




Malaki 2:8
34 Referencias Cruzadas  

Na Ɔsɔfoɔ Uria sii afɔrebukyia no sɛdeɛ Ɔhene Ahas soma firii Damasko de brɛɛ no no, saa na Ɔsɔfoɔ Uria yɛ twɛnee ba a Ɔhene Ahas firi Damasko baeɛ.


Kae wɔn, me Nyankopɔn, sɛ wɔagu asɔfodie ho ne asɔfodie ho mmara, ne asɔfodie ne Lewifoɔ apam no ho fi.


Memmane memfirii w’atemmuo ho, na wo na woakyerɛkyerɛ me.


Na manante AWURADE akwan so, na menyɛɛ bɔne mennyaa me Nyankopɔn,


Onipa nimdeɛ so na wɔyi no ayɛ, na deɛ wakyea n’akoma no anim bɛgu ase.


Mommane mfiri kwan no so, monkwae mfiri ɔtempɔn no so, momma Israel Kronkronni no nyera yɛn ani so.


Yɛato AWURADE mmara atwa no nkontompo, na yɛapa yɛn Nyankopɔn akyi; yɛkasa nhyɛsoɔ ne atuateɛ kasa, yɛsusu atorosɛm wɔ akoma mu na yɛka.


Na ɔman yi akwankyerɛfoɔ ma wɔfom na wɔn a wɔkyerɛ wɔn kwan no, wɔamene wɔn.


AWURADE, Israel anidasoɔ, wɔn a wɔgya woɔ nyinaa ani bɛwuwu; wɔn a wɔsane firi m’akyire no, wɔbɛtwerɛ wɔn din, asase so, ɛfiri sɛ wɔagya nkwa asutire AWURADE.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔadome onii ko a ɔde ne ho to onipa soɔ, na ɔde honam yɛ ne basa, na n’akoma atwe afiri AWURADE ho.


Na me man werɛ afiri me, wɔahye aduhwam ama abosom hunu, na wɔmaa wɔsuntisuntii wɔn akwan so, wɔ teteete atempɔn so, sɛ wɔnnante akwan a ɛnyɛ akwammɔeɛ so.


Asɔfoɔ no ammisa sɛ: Ɛhe na AWURADE wɔ? Na mmarakyerɛfoɔ no nnim me, na ahwɛfoɔ no afom me, na adiyifoɔ no nam Baal so hyɛɛ nkɔm, na wɔdii nnoɔma a ɛho nni mfasoɔ akyi.


N’asɔfoɔ bu me mmara so, na wɔgu m’akronkronneɛ ho fi; wɔmma no nsono akronkronneɛ ne adeɛ a ɛnyɛ akronkronneɛ, na wɔnkyerɛ adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ no ntam nsonsonoeɛ, na wɔbu wɔn ani gu me home nna so, na wɔgu me ho fi wɔ wɔn mu.


na mpo Lewifoɔ a wɔafiri me ho kɔ akyirikyirie, Israel fom a wɔfomm firii me nkyɛn kɔdii wɔn abosom akyire no mu no, wɔn mpo wɔbɛsoa wɔn amumuyɛ;


Ɛsiane sɛ wɔasom wɔn, wɔn abosom anim na wɔadanedane Israel fie amumuyɛ suntidua nti, mama me nsa so atia wɔn, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, sɛ wɔnsoa wɔn amumuyɛ;


sɛ mode ananafoɔ mma, akoma mu momonotofoɔ ne honam mu momonotofoɔ baeɛ, sɛ wɔmmɛtena me kronkronbea ngu me fie ho fi, sɛ mode m’aduane, sradeɛ ne mogya baeɛ, na wɔsɛee m’apam, mo akyiwadeɛ nyinaa soɔ,


Nimdeɛ a me man nnie nti, wɔbɛtwa wɔn agu; na wo nso, woapo nimdeɛ nti, mepo wo sɛ: Nni me sɔfoɔ; na wo werɛ afiri wo Nyankopɔn mmara nti, me nso, me werɛ bɛfiri wo mma.


Na ɔnnhura n’asefoɔ ho ne man mu: Na mene AWURADE a meyɛ no kronkron.


N’adiyifoɔ yɛ ahohoahoafoɔ, nkɔnkɔnsafoɔ ara nko, n’asɔfoɔ gu kronkronbea ho fi, wɔdi mmara ho asɛmmɔne.


Ɔba di n’agya ni, na akoa di ne wura ni. Na sɛ agya ne me a, m’anidie wɔ he? Na sɛ owura ne me a, me suro wɔ he? Asafo AWURADE na ɔreka akyerɛ mo, asɔfoɔ a mobu me din animtia. Na mobisa sɛ: Ɛdeɛn mu na yɛbu wo din animtia?


M’apam no yɛɛ no nkwa ne asomdwoeɛ, na mede memaa no sɛ ɔnsuro. Na ɔsuroo me, na me din nti ne ho popoe.


Enti ka sɛ: Hwɛ, mede m’asomdwoeɛ apam merema no,


na ayɛ ɔno ne n’asefoɔ a wɔbɛba n’akyire no daa asɔfodie apam, ɛfiri sɛ watwe ninkunu ama ne Nyankopɔn, na wapata ama Israelfoɔ.


Ɛyɛ sɛ wonni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua suntidua.


Monhwɛ yie, anuanom, na akoma bɔne a ɛnnye nnie amma mo mu biara mu, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ ho.


Enti mmeranteɛ no bɔne yɛɛ kɛse, AWURADE anim, ɛfiri sɛ nnipa no buu AWURADE aduane afɔdeɛ no animtia.


Dabi, me mma, na ɛnyɛ atenka pa na meteɛ yi; moma AWURADE man no fom.


Enti AWURADE Israel Nyankopɔn asɛm a ɔka nie: Mekae ampa sɛ: Wo fie ne w’agya fie nnante m’anim daa; nanso afei, deɛ AWURADE seɛ nie: Ɛmpare me koraa; na wɔn a wɔdi me ni no, mɛdi wɔn ni, na wɔn a wɔbu me animtia no bɛbɔ ahohora.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios