Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 9:45 - New Revised Asante Twi Bible

45 Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

45 Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

45 Nea ɔkaa yi na ɛyɛ ahintasɛm nti, asuafo no ante ase. Nanso na wosuro sɛ wobebisa no ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

45 Deɛ ɔkaeɛ yi na ɛyɛ ahintasɛm enti, asuafoɔ no ante aseɛ. Nanso, na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

45 Na wɔante asɛm yi ase, efisɛ na wɔde ahintaw wɔn na wɔanhu. Na wosuroe sɛ wobebisa no asɛm yi.

Ver Capítulo Copiar




Luka 9:45
15 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Petro de no kɔɔ nkyɛn, na ɔfitii aseɛ twii n’anim sɛ: Ɛmpare wo, Awurade, yei remma wo so da!


Na wɔrekyinkyini Galilea no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnipa nsa,


Na wɔmaa asɛm no kaa wɔn tirim, na wɔbisabisaa wɔn ho sɛ awufoɔ mu sɔreɛ no ne deɛn?


Na wɔante asɛm no ase, na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no.


Na wɔn deɛ, wɔante yeinom biara ase, na asɛm yi ahunta wɔn, na wɔanhunu deɛ ɔkaeɛ no.


Na wɔn deɛ, wɔante asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ase.


Na asɛm bi baa wɔn mu sɛ wɔn mu hwan na ɔbɛyɛ kɛseɛ?


Nso n’asuafoɔ no anhunu yeinom kane no; na Onyankopɔn hyɛɛ Yesu animuonyam akyiri no, ɛno na wɔkaee sɛ wɔatwerɛ yeinom ne ho, na wɔayɛ ama no.


Nkurɔfokuo no buaa no sɛ: Yɛn deɛ, yɛate no mmara no mu sɛ, Kristo no te hɔ daa; na adɛn na wose: Ɛtwa sɛ wɔma Onipa Ba no soɔ? Hwan ne Onipa Ba yi?


Toma see no sɛ: Awurade, yɛnnim faako a worekorɔ, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛtumi ahunu kwan no?


Enti n’asuafoɔ no sesee wɔn ho sɛ: Obi abrɛ no biribi adi anaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios