Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 9:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Na hwɛ, honhom bi kye no, na ɔfu mu tea mu su, na ɛsensene no ma n’ano twa ahuro, na ɔbu fa so, na ɛdene no ansa na agyaa no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 Na hwɛ, honhom bi kye no, na ɔfu mu tea mu su, na ɛsensene no ma n’ano twa ahuro, na ɔbu fa so, na ɛdene no ansa na agyaa no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 sɛ honhommɔne ba ne so a, amono mu, ɔteɛ mu, otwa hwe, osinsen, nʼano pu ahuru, na obu fa so, na ɛkyɛ ansa na afi ne so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 sɛ honhommɔne ba ne so a, amonom, ɔteaam, ɔtwa hwe, ɔsensene, nʼano pu ahuro, na ɔbu fa so, na ɛkyɛ ansa na afiri ne so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Na hwɛ, honhom bi kyere no, na ɔpatuw teɛm su, na esinsen no ma n’ano po ahuru, na obu fa so, na ɛden no ansa na egyaa no.

Ver Capítulo Copiar




Luka 9:39
11 Referencias Cruzadas  

na baabiara a ɛsɔ ne mu no, ɛma no sensene, na n’ano retwa ahuro, na ɔretwɛre ne se, na ɔrefɔn. Na meka mekyerɛɛ w’asuafoɔ sɛ wɔntu no, na wɔantumi.


Na wɔde no brɛɛ Yesu. Na ɔhunuu Yesu no, ntɛm ara na honhom no maa no senseneeɛ, na ɔhwee ase, na ɔbu faa so, na n’ano twaa ahuro.


Na ɛteaa mu, na ɛtwetwee no pii no, ɛfirii ne mu. Na ɔyɛɛ sɛ owufoɔ maa nnipa pii kaa sɛ: Wawu.


Na Yesu teateaa no sɛ: Mua w’ano, na firi ne mu kɔ! Na honhommɔne no bɔɔ no hwee mfimfini hɔ firii ne mu kɔe, na wanyɛ no hwee.


Ɛfiri sɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ ɔmfiri onipa no mu; (na daa na ɛkye no a, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, na ɔtete deɛ wɔde akyekyere no no mu. Na honhommɔne no pamm no kɔɔ anwea pradada so.)


Na hwɛ, ɔbarima bi a ɔfiri nkurɔfoɔ no mu teaa mu sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ, mesrɛ wo, hwɛ me ba yi, na ɔyɛ me ba korɔ.


Na mesrɛɛ w’asuafoɔ no sɛ wɔntu no, nanso wɔantumi.


Mo deɛ, mo agya a mofiri ne mu ne ɔbonsam, na mo agya no akɔnnɔdeɛ na mopɛ sɛ moyɛ. Ɔno na ɔyɛ owudifoɔ firi mfitiaseɛ, na ɔnnyina nokorɛ so; ɛfiri sɛ nokorɛ nni ne mu. Sɛ ɔka atorosɛm a, ɛfiri ɔno ara ne mu na ɔka; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ ne atorɔ agya.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios