Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 9:24 - New Revised Asante Twi Bible

24 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra bɛfiri ne nsa no, ɔbɛgye no nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

24 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra bɛfiri ne nsa no, ɔbɛgye no nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

24 Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sen me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na nea me nti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

24 Na obiara a ɔma nʼani ku ne ho sene me no, ɔbɛhwere ne nkwa; na deɛ me enti ɔbɛhwere ne nkwa no, ne nsa bɛka.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

24 Na obiara a ɔpɛ sɛ obegye ne kra no, ebefi ne nsa, na nea me nti ne kra befi ne nsa no, obegye no nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Luka 9:24
8 Referencias Cruzadas  

ɔhwehwɛ wɔ ne berɛ, na ɔyera wɔ ne berɛ; nhwɛsoɔ wɔ ne berɛ, na ɔtoguo wɔ ne berɛ;


Deɛ ne nsa aka ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na deɛ me nti ne kra firi ne nsa no, ne nsa bɛka.


Obiara a ɔbɛhwehwɛ sɛ ɔgye ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa, na obiara a ne kra bɛfiri ne nsa no ɔbɛgye no nkwa.


Deɛ ɔdɔ ne kra no, ɛbɛfiri ne nsa; na deɛ ɔtane ne kra wɔ wiase ha yi no, ɔbɛkora no akɔ daa nkwa mu.


Mmaa nsa kaa wɔn awufoɔ a wɔasɔreɛ; na ebinom nso, wɔde wɔn goroo atɔprɛ, na wɔampɛ ɔgyeɛ, na wɔn nsa aka owusɔreɛ a ɛyɛ kyɛne soɔ.


Na wɔnam Adwammaa no mogya ne wɔn adanseɛ asɛm no so adi ne so nkonim, na wɔansuro sɛ wɔbɛwuo.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios