Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 8:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Na Gerasefoɔ asase a atwa ahyia no so nkurɔfoɔ nyinaa srɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Na ɔsii kodoɔ mu sane kɔe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

37 Na Gerasefoɔ asase a atwa ahyia no so nkurɔfoɔ nyinaa srɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn nkɔ, ɛfiri sɛ na ehu kɛseɛ aka wɔn. Na ɔsii kodoɔ mu sane kɔe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Ehu hyɛɛ Gerasefo a na wɔahyia wɔ hɔ no nyinaa ma, ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ omfi wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Eyi nti, Yesu kɔtenaa ɔkorow no mu san twa kɔɔ asuogya nohɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Ehu hyɛɛ Gerasefoɔ a na wɔahyia hɔ no nyinaa ma ma wɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn nkyɛn hɔ nkɔ. Yei enti, Yesu kɔtenaa kodoɔ no mu sane tware kɔɔ asuogya hɔ nohoa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

37 Na Gerasafo asase a atwa ahyia no so nkurɔfo nyinaa srɛɛ no sɛ omfi wɔn nkyɛn nkɔ, efisɛ ehu kɛse aka wɔn. Na osii ɔkorow mu san kɔe.

Ver Capítulo Copiar




Luka 8:37
16 Referencias Cruzadas  

Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!


Na hwɛ, kurom hɔfoɔ no nyinaa firii adi sɛ wɔrebɛhyia Yesu; na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no sɛ ɔmfiri wɔn ahyeɛ so hɔ nkɔ.


Na wɔfirii aseɛ srɛɛ Yesu sɛ ɔmfiri wɔn asase so nkɔ.


Deɛ ɔtie mo no, watie me; na deɛ ɔpa mo no, wapa me. Na deɛ ɔpa me no, wapa deɛ ɔsomaa me no.


Na Simon Petro hunuiɛ no, ɔhwee Yesu nan ase kaa sɛ: Firi me nkyɛn kɔ, Awurade, na meyɛ onipa debɔneyɛni.


Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!


Na wɔn nso a wɔhunuiɛ no kaa sɛdeɛ ɛyɛeɛ na deɛ ɔwɔ ahonhommɔne no ho sanee no.


Na ɔbarima no a ahonhommɔne firii ne mu no srɛɛ no sɛ ɔbɛtena ne nkyɛn. Nanso Yesu gyaa no kwan sɛ:


Na wɔn a wɔrennye mo no, mofiri kurom hɔ rekɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo mfa nni adanseɛ ntia wɔn.


Na wɔkɔɔ akuraa foforɔ bi ase.


Na wɔba bɛpaa wɔn kyɛw maa wɔn dibem, na wɔyii wɔn srɛɛ wɔn sɛ wɔmfiri kuro no mu nkɔ.


Na afei, adɛn nti na yɛnwuo? Ɛfiri sɛ ogya kɛseɛ yi rebɛhye yɛn. Sɛ yɛte AWURADE yɛn Nyankopɔn nne bio a, yɛbɛwuwu.


Na Bet-semesfoɔ no kaa sɛ: Hwan na ɔbɛtumi agyina AWURADE, Onyankopɔn kronkronni yi anim, na hwan nkyɛn na ɔmfiri yɛn nkyɛn nkorɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios