Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 8:31 - New Revised Asante Twi Bible

31 Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bunu no mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

31 Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bunu no mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wonnkogu amanehunu bon no mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

31 Ahohommɔne no srɛɛ Yesu sɛ ɔnnhyɛ wɔn mma wɔnkɔgu amanehunu bɔn no mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

31 Na wɔsrɛɛ no sɛ ɔnnhyɛ wɔn mmma wɔnnkɔ bun no mu.

Ver Capítulo Copiar




Luka 8:31
14 Referencias Cruzadas  

Ɛnneɛ afei tene wo nsa ka deɛ ɔwɔ nyinaa hwɛ ɛ, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Na afei tene wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo ntɛm ara anaa!


Ɛnna ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ benkum no nso sɛ: Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu!


Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!


Na mprakokuo kɛseɛ bi wɔ hɔ a wɔredidi wɔ bepɔ no soɔ; na wɔsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kwan na wɔnkɔ wɔn mu. Na ɔmaa wɔn kwan.


anaasɛ hwan na ɔbɛsiane akɔ ebunu mu? (Ɛne sɛ, sɛ wɔde Kristo bɛfiri awufoɔ mu aba).


Na sɛ wɔwie wɔn adansedie a, aboa a ɔfiri ebunu no mu no bɛtu wɔn so sa, na wadi wɔn so nkonim na wɔaku wɔn.


Aboa a wohunuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, na ɔbɛfiri bunu no mu aba, na wabɛsene akɔ ɔsɛeɛ mu. Na ɛbɛyɛ wɔn a wɔtete asase soɔ a wɔamfiri wiase ahyɛaseɛ antwerɛ wɔn din nkwa nwoma mu no nwanwa sɛ, wɔbɛhunu aboa no, sɛ da bi na ɔwɔ hɔ, na afei deɛ, ɔnni hɔ, nanso ɔwɔ hɔ ara.


Na wɔkyeree aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnneɛ, de daadaa wɔn a wɔgyee aboa no agyiraeɛ ne wɔn a wɔkotoo ne honi no kaa ne ho. Wɔtoo wɔn baanu yi animono guu ogya tadeɛ a sɔfe dɛre mu no mu.


Na wɔwɔ wɔn so hene a ɛyɛ bunu no mu bɔfoɔ a wɔfrɛ ne din wɔ Hebri kasa mu sɛ Abadon, na Hela kasa mu deɛ, ɔde Apolion.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios