Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 8:28 - New Revised Asante Twi Bible

28 Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

28 Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

28 Ohuu Yesu no, ɔteɛɛ mu, kotow nʼanan ase san teɛteɛɛ mu se, “Yesu, Ɔsorosoro Nyankopɔn Ba, dɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayade biara.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

28 Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam, kotoo ne nan ase sane teateaam sɛ, “Yesu, Ɔsorosoro Onyankopɔn Ba, ɛdeɛn na wo ne me wɔ yɛ? Mesrɛ wo, nyɛ me ayayadeɛ biara.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

28 Na ohuu Yesu no, ɔteɛɛm dennen hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛse kae sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, dɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nhaw me!

Ver Capítulo Copiar




Luka 8:28
14 Referencias Cruzadas  

Ɛda no na AWURADE de n’afena denden a ɛso na ɛyɛ den no bɛtwe dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ, dɛnkyɛmmirampɔn a ɔyɛ ɔwɔ a ɔpompono no aso, na wakum ɛpo mu ɔtweaseɛ kɛseɛ no.


Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa?


Na ɔsii fam no, ɔbarima bi a ahonhommɔne wɔ ne mu dadaada, a ɔfiri kuro no mu bɛhyiaa no, ɔnhyɛ atadeɛ, na ɔnte ɛdan biara mu, na mmom aboda mu na ɔte wɔ asieeɛ.


Ɛfiri sɛ waka akyerɛ honhom fi no sɛ ɔmfiri onipa no mu; (na daa na ɛkye no a, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn ne mpokyerɛ gu no wɛn no, na ɔtete deɛ wɔde akyekyere no no mu. Na honhommɔne no pamm no kɔɔ anwea pradada so.)


Wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ baako. Woyɛ no yie; ahonhommɔne nso gye di, na wɔn ho popo.


Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no, na mmom ɔde esum kabii ahoma kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bunu mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmuo a,


Deɛ ɔyɛ bɔne no firi ɔbonsam, ɛfiri sɛ ɔbonsam na ɔfiri mfitiaseɛ yɛɛ bɔne. Yei nti na Nyankopɔn Ba no bɛyii ne ho adi sɛ ɔbɛsɛe ɔbonsam nnwuma.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios