Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 8:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ wɔhu woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyire pɛ sɛ wɔhu woɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu se ne na ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Obi kɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ne maame ne ne nuanom gyina nkyɛn hɔ baabi rehwehwɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ: Wo na ne wo nuanom gyina mfikyiri pɛ sɛ wohu wo.

Ver Capítulo Copiar




Luka 8:20
8 Referencias Cruzadas  

Ɛnyɛ duadwumfoɔ yi a ɔyɛ Maria ba no, Yakobo ne Yose ne Yuda ne Simon nom nua no nie? Na ɛnyɛ ne nuammaa na wɔwɔ yɛn nkyɛn ha yi? Na ɔyɛɛ suntidua maa wɔn.


Na ne na ne ne nuanom baa ne nkyɛn, na nkyeresoɔ no nti wɔantumi ammɛn no.


Na ɔbua see wɔn sɛ: Me na ne me nuanom ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ.


Na yeinom nyinaa de akoma korɔ kura mpaebɔ mu ara, wɔne mmaa no ne Maria, Yesu ne na ne ne nuanom.


Yɛnni ho kwan sɛ yɛde onuabaa a ɔyɛ ɔyere kyini sɛ asomafoɔ a aka no ne Awurade nuanom ne Kefa?


na asomafoɔ a ɛkeka ho no deɛ manhunu wɔn mu biara, gye Awurade nua Yakobo.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios