Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 5:37 - New Revised Asante Twi Bible

37 Na obi mfa nsa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nsa foforɔ no bɛma nkotokuo no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotokuo no asɛesɛe.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

37 Na obi mfa nsa foforɔ ngu nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nsa foforɔ no bɛma nkotokuo no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotokuo no asɛesɛe.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

37 Obiara nso mfa nsa foforo ngu mmoa nhoma nsa nkotoku dedaw mu. Ɔyɛ saa a nsa no bɛpaapae nkotoku no na ahwie agu na nkotoku no nso asɛe.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

37 Obiara nso mmfa nsã foforɔ ngu mmoa nwoma nsã nkotokuo dada mu. Ɔyɛ saa a, nsã no bɛpaapae nkotokuo no na ahwie agu na nkotokuo no nso asɛe.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

37 Na obi mfa nsa foforo ngu aboa nhoma nkotoku dedaw mu; anyɛ saa a, nsa foforo no bɛma nkotoku no apaepae, na ahwiehwie agu, na nkotoku no asɛesɛe.

Ver Capítulo Copiar




Luka 5:37
6 Referencias Cruzadas  

Na mayɛ sɛ toa a ɛwɔ wisie mu, nanso me werɛ mfiri w’ahyɛdeɛ.


Na nsa nkotokuo yi a yɛhyehyɛɛ no amaama na ɛyɛ foforɔ no, hwɛ, asunsuane, na ɔkwan no ware a ɛware pii nti yɛn ntadeɛ ne yɛn mpaboa yi asusu.


wɔn deɛ, wɔdii no nyansam na wɔkɔpɛɛ akwansoduane, na wɔfaa mmɔtɔ adada de soasoaa wɔn mfunumu ne nsa nkotokuo adada a asunsuane na wɔapempam.


Nanso wɔmfa nsa foforɔ ngu aboa nwoma nkotokuo dada mu; anyɛ saa a, nkotokuo no bɛpaepae, na nsa no ahwie agu, na nkotokuo no asɛe. Na wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu, na ne mmienu nyinaa ayɛ yie.


Na ɔbuu bɛ yi nso kyerɛɛ wɔn sɛ: Obi mfa ntoma foforɔ sini ntɛ atadeɛ dada mu; ɔyɛ saa a, foforɔ no bɛtu, ɛfiri sɛ deɛ ɔtwa firii foforɔ no mu no ne dada no nsɛ.


Na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforɔ gu nkotokuo foforɔ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios