Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 5:33 - New Revised Asante Twi Bible

33 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ taa di mmuada na wɔbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ asuafoɔ nso yɛ saa ara; na w’asuafoɔ deɛ, wɔdidi na wɔnom!

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

33 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafoɔ taa di mmuada na wɔbɔ mpaeɛ, na Farisifoɔ asuafoɔ nso yɛ saa ara; na w’asuafoɔ deɛ, wɔdidi na wɔnom!

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio se, “Adɛn nti na Osuboni Yohane asuafo ne Farisifo asuafo no de, wɔtaa di mmuada, na wʼasuafo de, daa wodidi na wɔnom?”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

33 Nnipa no kɔɔ so bisaa no bio sɛ, “Adɛn enti na Yohane Osubɔni asuafoɔ ne Farisifoɔ asuafoɔ no deɛ wɔtaa di mmuada, na wʼasuafoɔ deɛ daa wɔdidi na wɔnom?”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

33 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na Yohane asuafo taa di mmuada na wɔbɔ mpae, na Farisifo asuafo nso yɛ saa ara, na wo asuafo de, wodidi na wɔnom!

Ver Capítulo Copiar




Luka 5:33
20 Referencias Cruzadas  

Deɛ ɔyi n’aso firi mmara tie ho no, ne mpaebɔ mpo yɛ akyiwadeɛ.


Na sɛ motrɛ mo nsam a, mɛyi m’ani mahunta mo; nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a, me deɛ, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Nanso sɛ modidi na monom nso a, ɛnyɛ mo ara na modidie na monom anaa?


Monnue! Mo Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ, nyaatwomfoɔ! Sɛ moto ɔsoro ahennie mu nnipa anim; na mo ara monkɔ mu, nanso wɔn a wɔrekɔ mu no, mommma wɔn kwan nkɔ mu.


wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛboro soɔ.


Na ɛbaa sɛ ɔwɔ baabi rebɔ mpaeɛ na ɔgyaeeɛ no, n’asuafoɔ no mu baako ka kyerɛɛ no sɛ: Awurade, kyerɛ yɛn mpaebɔ, sɛdeɛ Yohane nso kyerɛɛ n’asuafoɔ no.


Medi mmuada dapɛn mu mprenu, mede deɛ menya nyinaa so ntotosoɔ du du mema.


Na ɔyɛ okunafoɔ a wadi bɛyɛ mfirinhyia aduɔwɔtwe nnan, na ɔmpa asɔrefie hɔ da, na ɔde mmuada ne mpaebɔ som Onyankopɔn adesaeɛ ne adekyeeɛ.


wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛso.


Mammɛfrɛ ateneneefoɔ, na mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mobɛtumi ama ayeforɔ asefoɔ no adi mmuada, berɛ a ayeforɔkunu ne wɔn wɔ hɔ yi?


Adeɛ kyee bio no, na Yohane ne n’asuafoɔ mu baanu gyina hɔ.


Ɛnna ahodwira ho akyinnyegyeɛ bi sɔree Yohane asuafoɔ ne Yudafoɔ ntam.


Na Awurade ka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre kɔ borɔno a wɔfrɛ no Turodoo no so, na kɔbisa obi a wɔfrɛ no Saulo a ɔfiri Tarso no akyiri kwan wɔ Yuda fie; na hwɛ, ɔrebɔ mpaeɛ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios