Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 5:29 - New Revised Asante Twi Bible

29 Na Lewi too no pono kɛseɛ bi wɔ ne fie; na atogyefoɔ ne nnipa foforɔ pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

29 Na Lewi too no pono kɛseɛ bi wɔ ne fie; na atogyefoɔ ne nnipa foforɔ pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

29 Akyiri no, Lewi too pon wɔ ne fi maa Yesu. Towgyefo ne nnipa ahorow bebree kɔɔ aponto no ase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

29 Akyire yi, Lewi too ɛpono wɔ ne fie maa Yesu. Togyefoɔ ne nnipa ahodoɔ bebree kɔɔ apontoɔ no ase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

29 Na Lewi tow no pon kɛse bi wɔ ne fi; na towgyefo ne nnipa foforo pii ne wɔn bɛtenaa hɔ.

Ver Capítulo Copiar




Luka 5:29
9 Referencias Cruzadas  

Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.


Na sɛ modɔ wɔn a wɔdɔ mo a, akatua bɛn na monya? Togyefoɔ nso nyɛ saa anaa?


Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ wɔ fie no, hwɛ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ pii ba bɛnee Yesu ne n’asuafoɔ no tenaa adidiiɛ.


Na Yesu firi hɔ retwam no, ɔhunuu onipa bi a ɔte atogyeeɛ a wɔfrɛ no Mateo; na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Di m’akyi. Na ɔsɔre dii n’akyi.


Na ɛbaa sɛ ɔte adidiiɛ ne fie no, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ bebree ne Yesu ne n’asuafoɔ bɛtenaa adidiiɛ; na wɔn a wɔdii n’akyi no dɔɔso.


Na togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ no nyinaa twi bɛnee no sɛ wɔrebɛtie no.


Ɛnna wɔtoo no pono wɔ hɔ, na Marta somee; na Lasaro deɛ, na ɔyɛ wɔn a wɔne no te adidiiɛ no mu baako.


Na sɛ wɔn a wɔnnye nnie no mu bi hyia mo adidi, na mopɛ sɛ mokorɔ a, deɛ wɔde bɛsi mo anim biara, monni, na ahonim nti, mommmisabisa ho asɛm!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios