Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 3:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na ɛbaa sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueeɛ

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Bere a Yohane bɔɔ nkurɔfo pii asu wiee no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wiee a ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Ɛberɛ a Yohane bɔɔ nkurɔfoɔ pii asu wieeɛ no, ɔbɔɔ Yesu nso asu. Ɔbɔɔ no asu wieeɛ a ɔrebɔ mpaeɛ no, ɔsoro bueɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na ɛbae sɛ ɔbɔɔ ɔman no nyinaa asu no, ɔbɔɔ Yesu nso asu, na ɔrebɔ mpae no, ɔsoro buei,

Ver Capítulo Copiar




Luka 3:21
11 Referencias Cruzadas  

Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.


Na ɔwiee nkurɔfoɔ akuakuo no kwan gya no, ɔkɔɔ bepɔ so fa baabi mpaebɔ. Na onwunu dwoeɛ no, na aka ɔno nko ara wɔ hɔ.


Nanso ɔtwee ne ho kɔɔ ɛserɛ so kɔbɔɔ mpaeɛ.


Na ɛbaa sɛ ɔno nko wɔ hɔ rebɔ mpaeɛ no, na n’asuafoɔ no ka ne ho; na ɔbisaa wɔn sɛ: Nkurɔfoɔ akuakuo no se: Mene hwan?


Na Yesu see no sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, mobɛhunu ɔsoro sɛ abue, na Nyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ.


firi Yohane asubɔ so de bɛsi da a wɔfaa no yɛn nkyɛn kɔɔ soro no mu baako ne yɛn yɛ ne sɔreɛ ho adansefoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios