Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 24:39 - New Revised Asante Twi Bible

39 Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nka me nhwɛ, ɛfiri sɛ ɔsaman nni nam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ yi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

39 Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nka me nhwɛ, ɛfiri sɛ ɔsaman nni nam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ yi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

39 Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; efisɛ ɔsaman nni honam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ bi yi.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

39 Monhwɛ me nsam ne me nan. Ɛyɛ me a! Momfa mo nsa nka me nhwɛ; ɛfiri sɛ, ɔsaman nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ bi yi.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

39 Monhwɛ me nsa ne me nan sɛ ɛyɛ m’ankasa; momfa mo nsa nka me nhwɛ, efisɛ ɔsaman nni nam ne nnompe sɛnea muhu sɛ mewɔ yi.

Ver Capítulo Copiar




Luka 24:39
12 Referencias Cruzadas  

na dɔteɛ asane akɔ asase mu sɛdeɛ ɛteɛ kane no, na honhom asane akɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.


Na wɔde wɔn anim butubutuu fam kaa sɛ: Onyankopɔn a woyɛ honam nyinaa ahonhom Nyankopɔn! Ɔbarima baako bɛyɛ bɔne na wo bo afu asafo mu no nyinaa?


Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ! Na ɔkaa saa no, ɔgyaa mu.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na mo akoma tutuo, na adɛn nti na adwene sɔresɔre mo akoma mu?


Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn.


Na ɔkaa saa no, ɔde ne nsa ne ne mfe mu kyerɛɛ wɔn. Na asuafoɔ no hunuu Awurade no, wɔn ani gyeeɛ.


Ɛnna asuafoɔ no see no sɛ: Yɛahunu Awurade. Na Toma ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ manhunu ne nsam nnadewa no ananmu, na mamfa me nsateaa manka nnadewa no ananmu a, merennye menni.


Ɛnna afei ɔsee Toma sɛ: Fa wo nsateaa bra ha na bɛhwɛ me nsamu, na fa wo nsa bɛka me mfe mu, na nyɛ okyinnyegyefoɔ, na gye di!


Wɔn nso na n’amanehunu akyiri no, ɔnam adanseɛ bebree so yii ne ho kyerɛɛ wɔn sɛ ɔteasefoɔ adaduanan mu maa wɔhunuu no, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm.


Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.


Bio, yɛwɔ yɛn honam fam agyanom sɛ asotwefoɔ na yɛfɛre wɔn. Adɛn nti na yɛmmfa yɛn ho nhyɛ ahonhom Agya no ase, nkyɛne saa pii mmom, na yɛatena ase?


Deɛ ɛwɔ hɔ firi mfitiaseɛ, deɛ yɛateɛ, deɛ yɛde yɛn ani ahunu, deɛ yɛhwɛeɛ na yɛde yɛn nsa kaeɛ, wɔ nkwa asɛm no ho,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios