Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 23:40 - New Revised Asante Twi Bible

40 Na ɔbaako no buaa no kaa n’anim sɛ: Wo nso wonnsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobuo koro yi ara mu yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

40 Na ɔbaako no buaa no kaa n’anim sɛ: Wo nso wonnsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobuo koro yi ara mu yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

40 Nanso ɔdebɔneyɛni a ɔka ho no kaa nʼanim se, “Wunsuro Onyankopɔn? Hu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbu koro no ara mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

40 Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, “Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

40 Na obiako no buaa no kaa n’anim sɛ: Wo nso wunsuro Onyankopɔn sɛ wowɔ afobu koro yi ara mu yi?

Ver Capítulo Copiar




Luka 23:40
12 Referencias Cruzadas  

Na n’ahohiahia berɛ mu no Ɔhene Ahas no ara kɔɔ so fomm AWURADE,


Ɔbɔnefoɔ mmarato kasa wɔ n’akoma mu: Nyankopɔn suro biara nni n’ani so.


O AWURADE, w’ani nsa nokorɛ anaa? Wobobɔ wɔn, nanso wɔnte yea biara; wodwɛre wɔn, nanso wɔpo atenetene. Wɔahyɛ wɔn anim den sene ɔbotan, na wɔmpɛ sɛ wɔnu wɔn ho.


Ntane wo nua w’akoma mu; ka na ka wo yɔnko anim, na woansoa ne ho bɔne.


Na wɔn a wɔfaa wɔn bɛyɛ anwummerɛ nnɔnnum baeɛ no, wɔn nyinaa nyaa denare denare.


Na ɔsee wɔn sɛ: Mo a mo gyidie sua, adɛn na ehu aka mo sɛɛ? Ɛnna ɔsɔre teateaa mframa ne ɛpo no, na ɛtaa dinn.


Na mɛkyerɛ mo deɛ monsuro no; monsuro deɛ ɔkum wie a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔde bɛkɔ akɔto amanehunu kurom; aane, mese mo sɛ: Oyi na monsuro no!


Na nnebɔneyɛfoɔ a wɔasɛne wɔn no mu baako yaa no sɛ: Ɛnyɛ wo ne Kristo no? Gye wo ho ne yɛn!


Na yɛn deɛ, deɛ ɛtene pɛpɛɛpɛ, na yɛanya deɛ ɛsɛ yɛn nneyɛɛ no; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ mfomsoɔ adeɛ biara.


Na monnyɛ esum nnwuma a ɛnso aba no bi, na mmom mompa ho ntoma!


Awurade, hwan na ɔrensuro woɔ na ɔrenhyɛ wo din animuonyam? Ɛfiri sɛ wo nko na woyɛ kronkron, na amanaman nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, ɛfiri sɛ w’atɛn tenenee ada adi.


na wɔn yea ne wɔn nkudaa nti wɔkaa ɔsoro Nyankopɔn ho abususɛm, na wɔannu wɔn ho wɔ wɔn nnwuma mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios