Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 23:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon bi a ɔfiri Kirene a ɔfiri afuom reba no mu, na wɔde asɛnnua no too ne so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na wɔde no rekorɔ no, wɔsɔɔ Simon bi a ɔfiri Kirene a ɔfiri afuom reba no mu, na wɔde asɛnnua no too ne so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asennua mu no, wohyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ofi afum reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asennua no wɔ ne kɔn ho dii nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Afei, wɔde Yesu rekɔ akɔbɔ no asɛnnua mu no, wɔhyiaa Kireneni bi a wɔfrɛ no Simon sɛ ɔfiri afuom reba Yerusalem. Wɔkyeree no, hyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no wɔ ne kɔn ho, dii nʼakyi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na wɔde no rekɔ no, wosoo Simon, ɔbarima bi a ofi Kirene a ofi n’afum reba no mu, na wɔde asɛnnua no too no so sɛ ɔnsoa nni Yesu akyi.

Ver Capítulo Copiar




Luka 23:26
11 Referencias Cruzadas  

Na obiara a ɔbɛhyɛ wo sɛ wone no nnante kwansini baako no, ɛne no nkɔ mmienu.


Na obiara a ɔnsoa n’asɛnnua na ɔnni m’akyire no, ɔntumi nyɛ me suani.


Na ɔgyaee deɛ sakasaka ne awudie nti wɔde no kɔtoo afiase a wɔsrɛɛ no no maa wɔn, na Yesu deɛ, ɔyii no mae sɛdeɛ wɔpɛ.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn nyinaa sɛ: Sɛ obi pɛ sɛ ɔdi m’akyiri a, ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asɛnnua daa, na ɔnni m’akyi.


Nso asafo a ɛwɔ Antiokia no, na adiyifoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ bi wɔ mu, wɔne Barnaba ne Simeon a wɔfrɛ no Niger, ne Kireneni Lukio, ne Manaen a wɔtetee no ne Ɔmansinihene Herode, ne Saulo.


Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛfa Kirene, ne ahɔhoɔ a wɔfiri Roma, Yudafoɔ ne wɔn a wɔadane Yudafoɔ,


Yeinom na wɔde wɔn gyinaa asomafoɔ no anim, na wɔsɔree de wɔn nsa guu wɔn so.


Na nnipa bi a wɔfiri hyiadan a wɔfrɛ no Fawohodiefoɔ Hyiadan ne Kirenefoɔ ne Aleksandriafoɔ ne wɔn a wɔfiri Kilikia ne Asia sɔreeɛ, na wɔne Stefano gyee akyinnyeɛ,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios