Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 23:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na wɔde nne kɛseɛ kɔɔ so bisaa sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne deɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na wɔde nne kɛseɛ kɔɔ so bisaa sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne deɛ so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Nanso wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato de no so se ɔmmɔ no asennua mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Nanso, wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato deɛ no so sɛ, ɔmmɔ no asɛnnua mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na wɔde nne kɛse kɔɔ so kae sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu; na wɔn nne boroo ne de so.

Ver Capítulo Copiar




Luka 23:23
7 Referencias Cruzadas  

Me kra da agyata mu, meda wɔn a wɔhome gyaframa mu. Nnipa mma a wɔn se yɛ mpea ne agyan, na wɔn tɛkyerɛma yɛ nkrantɛ nnamnnam.


Na metwaa nnwanhwɛfoɔ no mu baasa twenee wɔ bosome baako mu. Na wɔn ho yɛɛ me kra ahomete, na me ho nso yɛɛ wɔn kra nwunu.


Na ɔno deɛ, ɔkasaa anibereɛ so sɛ: Sɛ ɛsɛ sɛ me ne wo wuo mpo a, merempa wo da! Na saa ara na wɔn nyinaa nso kaeɛ.


Na ɔkaa deɛ ɛtɔ so mmiɛnsa kyerɛɛ wɔn sɛ: Na bɔne bɛn na wayɛ? Manhunu adeɛ biara a wayɛ a ɛfata sɛ wɔku no, enti mɛhwe no, na magyaa no.


Na Pilato buu atɛn sɛ ɛnyɛ sɛdeɛ wɔbisaeɛ no.


Nanso wɔkae ara sɛ: Ɔhwanyan ɔman mu, ɔkyerɛkyerɛ Yudea man nyinaa mu, ɔfirii aseɛ Galilea na ɔde abɛduru ha yi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios