Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 22:52 - New Revised Asante Twi Bible

52 Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie asafohene ne mpanimfoɔ a wɔbaa ne soɔ no sɛ: Mobaa sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ soɔ na mokura nkrantɛ ne mmaa yi?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

52 Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asɔrefie asafohene ne mpanimfoɔ a wɔbaa ne soɔ no sɛ: Mobaa sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ soɔ na mokura nkrantɛ ne mmaa yi?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

52 Yesu bisaa asɔfo mpanyin ne asɔredan sohwɛfo mpanyin ne Yudafo mpanyimfo ne asomfo a wɔbaa ne so no se, “Midi atuatewfo anim nti na mode afoa ne nkontimmaa aba me so yi?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

52 Yesu bisaa asɔfoɔ mpanin ne asɔredan sohwɛfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ a wɔbaa ne so no sɛ, “Meyɛ odwotwafoɔ na mode akofena ne nkontimmaa aba me so?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

52 Na afei Yesu ka kyerɛɛ asɔfo mpanyin ne asɔrefi asafohene ne mpanyimfo a wɔbaa no so no sɛ: Mobae sɛnea moreba odwowtwafo so na mukura nkrante ne mmaa yi?

Ver Capítulo Copiar




Luka 22:52
10 Referencias Cruzadas  

Na Ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ ɔha ha so asafohene a wɔhwɛ dɔm no soɔ no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyi no mfa mo mu mfi, na deɛ ɔbɛdi n’akyire no, momfa nkrantɛ nku no. Na ɔsɔfoɔ no kaa sɛ: Wɔnnku no AWURADE fie.


Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho.


Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me.


Na mese mo sɛ, yei a wɔatwerɛ nso, ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofoɔ mu. Na deɛ ɛfa me ho no wɔ awieeɛ.


Na ɔne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne asafohene no kɔkasa kyerɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyɛ na wayi no ama wɔn.


Na Yesu buaa sɛ: Momma no nso ha ara! Na ɔsɔɔ n’aso no mu de famm hɔ.


Me ne mo wɔ asɔrefie hɔ daa no, moankye me; na yei ne mo berɛ ne esum tumi.


Mewɔ wɔn nkyɛn no, mede wɔn mesiee wo din mu, wɔn a wode wɔn ama me no; mawɛn wɔn, na wɔn mu bi nyerae, gye ɔyera ba no, — na twerɛsɛm no aba mu.


Ɛnna ɔsafohene ne asomfoɔ no firi hɔ kɔ kɔfaa wɔn baeɛ, ɛnyɛ anibereɛ so, ɛfiri sɛ na wɔsuro ɔman no sɛ anyɛ a wɔbɛsi wɔn aboɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios