Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 22:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na mo deɛ, monnyɛ saa, na mmom deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na deɛ ɔyɛ otitire no nyɛ sɛ deɛ ɔsom.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na mo deɛ, monnyɛ saa, na mmom deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na deɛ ɔyɛ otitire no nyɛ sɛ deɛ ɔsom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Nanso mo de, nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panyin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na nea odi mo so no nso nyɛ mo mu somfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Nanso, mo deɛ, deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo so panin no nyɛ sɛ mo mu akumaa, na deɛ ɔdi mo so no nso nyɛ mo mu ɔsomfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na mo de, monnyɛ sa, na mmom nea ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ sɛ akumaa; na nea ɔyɛ otitiriw no nyɛ sɛ nea ɔsom.

Ver Capítulo Copiar




Luka 22:26
10 Referencias Cruzadas  

Na ɛnte saa mo mu; na mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛseɛ mo mu no, ɔnyɛ mo somfoɔ,


Nanso ɛnte saa mo mu; na obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ mo mu kɛseɛ no, ɔbɛyɛ somfoɔ,


Na ɔtenaa ase frɛɛ dummienu no, na ɔsee wɔn sɛ: Sɛ obi pɛ kan adi a, ma no nni wɔn nyinaa akyi, na ɔnyɛ wɔn nyinaa somfoɔ.


na ɔsee wɔn sɛ: Obiara a ɔbɛgye abɔfra yi me din mu no, wagye me; na obiara a ɔbɛgye me no, na wagye deɛ ɔsomaa me no. Na deɛ ɔyɛ mo nyinaa mu akumaa no, ɔno na ɔbɛyɛ kɛseɛ.


Na monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwene mu foforɔyɛ nsakyera mo ho, na moasɔ deɛ Onyankopɔn pɛ a ɛyɛ, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.


ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔdi asafotoɔ no so bakoma, na mmom monyɛ nhwɛsoɔ mma nnwankuo no.


Saa ara na mo mmabunu nso, momfa mo ho nhyɛ mpanimfoɔ aseɛ. Na mo nyinaa momfira ahobrɛaseɛ, na monsom mo ho mo ho, ɛfiri sɛ Onyankopɔn si ahantanfoɔ kwan, na ɔdom ahobrɛasefoɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios