Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 22:19 - New Revised Asante Twi Bible

19 Na ɔfaa paanoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ: Yei ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

19 Na ɔfaa paanoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kaa sɛ: Yei ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ yei mfa nyɛ me nkaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

19 Afei, ɔfaa brodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafo no kae se, “Eyi ne me nipadua a mede rema mo. Munnye nni. Da biara a mubedi saa brodo yi bi no, momfa nkae me.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

19 Afei, ɔfaa burodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede rema mo. Monnye nni. Ɛda biara a mobɛdi saa burodo yi bi no, momfa nkae me.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

19 Na ɔfaa abodoo daa ase bubui, na ɔde maa wɔn kae sɛ: Eyi ne me honam a mo nti wɔde rema; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.

Ver Capítulo Copiar




Luka 22:19
27 Referencias Cruzadas  

Wama wɔakae n’anwanwadeɛ, ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ ne AWURADE.


Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ. Ɔhene de me aba ne mpia mu. Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho, yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa. Tenenee so na wɔdɔ woɔ.


Ɛnna ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, nnompe yi yɛ Israel fie no nyinaa. Hwɛ, wɔka sɛ: Yɛn nnompe ho akokwa, na yɛn anidasoɔ ayera; wɔatwa yɛn korakora!


Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yei ne Yerusalem, mede no asi amanaman ntam, na nsase atwa ne ho ahyia.


na baabiara a nnipa mma, wiram mmoa ne ewiem nnomaa teɛ no, ɔde wɔn ahyɛ wo nsa, na ɔde wo adi wɔn nyinaa so: Wone sika tiri no.


Na ɔhyɛɛ nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ wɔntenatena ɛserɛ no so, na ɔfaa paanoo nnum ne mpataa mmienu no, na ɔhwɛɛ soro hyiraa so; na ɔbubuu mu de paanoo no maa n’asuafoɔ, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.


Na ɔfaa paanoo nson no ne mpataa no, na ɔdaa ase, na ɔbubu de maa n’asuafoɔ no, na asuafoɔ no nso de maa nkurɔfoɔ akuakuo no.


Na ɔfaa kuruwa no daa ase, na ɔkaa sɛ: Monnye yei, na monkyɛ mu!


Saa ara nso na wɔwiee adidie no, ɔfaa kuruwa no kaa sɛ: Kuruwa yi ne apam foforɔ me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie aguo.


Na ɛbaa sɛ ɔne wɔn te adidiiɛ no, ɔfaa paanoo hyiraa so, na ɔbubu de maa wɔn.


Na akodoɔ foforɔ firii Tiberia baa faako a Awurade daa ase, na wɔdii paanoo no hɔ;


Mene paanoo a nkwa wɔ mu a mesiane mefirii soro mebaeɛ no; sɛ obi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa no ne me honam.


Nhyira kuruwa a yɛhyira soɔ no nyɛ Kristo mogya no ayɔnkoyɛ anaa? Paanoo a yɛbubuo no nyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ anaa?


na wɔn nyinaa nom honhom fam anonneɛ korɔ, na wɔnom firii honhom fam botan a na ɛdi wɔn akyire no mu; na ɔbotan no ne Kristo.


Ɔno na yɛn bɔne nti ɔde ne ho maeɛ na wayi yɛn afiri wiase bɔne yi mu, sɛdeɛ yɛn Agya Nyankopɔn pɛ no teɛ.


Na Hagar yɛ Sinai bepɔ a ɛwɔ Arabia; na ɛno ne nnɛ Yerusalem sɛso, ɛfiri sɛ ɛyɛ ne mma wɔ nkoasom mu.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Monna ase ade nyinaa mu, na yei ne deɛ Onyankopɔn pɛ Kristo Yesu mu wɔ mo ho.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Ɔno ara na ɔsoaa yɛn bɔne wɔ ne honam mu kɔɔ dua no soɔ, sɛ, sɛ yɛawu ama nnebɔne a, yɛntena ase mma tenenee. Ɔno na wɔde ne mmaa ntampeɛ asa mo yadeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios