Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 21:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

36 Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de adwane afiri nnoɔma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakɔgyina Onipa Ba no anim.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Monwɛn. Bere biara mommɔ mpae na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano na mesan ba bio a, moatumi agyina mʼanim.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Monwɛn. Ɛberɛ biara mommɔ mpaeɛ na moanya ahoɔden de agyina saa nneɛma yi nyinaa ano, na Onipa Ba no sane ba bio a, moatumi agyina nʼanim.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina Onipa Ba no anim.

Ver Capítulo Copiar




Luka 21:36
34 Referencias Cruzadas  

Anaasɛ n’ani bɛgye Otumfoɔ ho, ɔbɛfrɛ Onyankopɔn berɛ nyinaa mu anaa?


Enti abɔnefoɔ renni bem atemmuo mu, na nnebɔneyɛfoɔ rennya kyɛfa wɔ teneneefoɔ asafo mu.


sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn, seɛ nie: Onipa a ɔbɛgyina m’anim remmɔ Rekab ba Yonadab da biara da.


Na ɔrebɛyi ne ho adie yi, hwan na ɔbɛtumi agyina n’anim ne ba da no? Na ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya ne ntomasifoɔ dɔw;


Enti monwɛn, ɛfiri sɛ monnim da ko a mo wura bɛba.


Na monhunu yei sɛ efiewura no nim ɔdasuo ko a owifoɔ bɛba a, anka ɔbɛwɛn, na wamma wɔammɛtu ne dan ase amma mu.


Yei nti monsiesie mo ho nsie, ɛfiri sɛ dɔn a monnwene ho no mu na Onipa Ba no reba.


Enti monwɛn, na monnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso honam no ɛyɛ mmerɛ.


Na Yesu see no sɛ: Nsakraman wɔ abɔn, na ewiem nnomaa wɔ mpirebuo, nanso onipa ba no deɛ, ɔnni faako a ɔde ne tiri toɔ.


Monhwɛ yie, monwɛn, na mommɔ mpaeɛ! Na monnim ɛda ko a ɛberɛ no bɛduro.


Na deɛ mese mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa sɛ: Monwɛn!


Na ɔbɔfoɔ no bua see no sɛ: Mene Gabriel a megyina Nyankopɔn anim, na wɔasoma me sɛ memmɛkasa menkyerɛ wo, na menka wo nsɛmpa yi.


Na ɔbuu wɔn bɛ bi de kyerɛɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa bɔ mpaeɛ daa a wɔmmrɛ ho:


na wɔn a wɔbɛbu wɔn sɛ ɛsɛ wɔn sɛ wɔn nsa bɛka wiase foforɔ no ne ɔsɔreɛ a wɔbɛsɔre afiri awufoɔ mu no deɛ, wɔnware, nso wɔmfa wɔn mma awadeɛ.


na ɛbɛba wɔn a wɔte asase ani nyinaa so.


Ɔyɛ onyamesuroni a ɔne ne fiefoɔ nyinaa suro Onyankopɔn, na ɔyɛ mmɔborɔhunu adeɛ bebree ma nkurɔfoɔ no, na ɔbɔ Onyankopɔn mpaeɛ daa.


Monwɛn, monnyina mo gyidie mu, monyɛ mmarima, momma mo ho nyɛ den.


na yɛnim sɛ, deɛ ɔnyanee Awurade Yesu no bɛnyane yɛn nso, ne Yesu, na wayi yɛne mo akyerɛ.


Monkura mpaebɔ mu ara, na momfa aseda nwɛn wɔ mu.


Na wo deɛ, ma w’ani nna hɔ wɔ adeɛ nyinaa mu, mia w’ani hunu amane, yɛ ɔsɛmpakafoɔ adwuma, wie wo som no koraa.


Nanso adeɛ nyinaa awieeɛ abɛn. Enti momma mo adwene mu nte na mo ani nna hɔ mma mpaebɔ.


Mo ani nna hɔ, monwɛn, ɛfiri sɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ deɛ ɔbɛnya no amene.


Na afei, mma nkumaa, montena ne mu, na sɛ oyi ne ho adi a, yɛanya awerɛhyɛmu, na yɛn ani anwu n’anim, ne ba mu.


Na deɛ ɔbɛtumi asɔ mo mu na moansunti, na ɔde mo asi n’animuonyam anim, sɛ nnipa a wɔnni dɛm wɔ ahosan mu no,


Yeinom ne ngodua mmienu ne akaneadua mmienu a ɛgyinagyina asase wura anim no.


ɛfiri sɛ n’abufuo da kɛseɛ no adu, na hwan na ɔbɛtumi agyina ano?


Yeinom akyiri no mehunui, na hwɛ, nnipakuo kɛseɛ a obi ntumi nkane wɔn, a wɔfiri aman, ne mmusuakuo, ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu no gyinagyina ahennwa no ne adwammaa no anim hyehyɛ ntade fitaa, na wɔkurakura berɛ.


Na mehunuu abɔfoɔ baason a wɔgyinagyina Nyankopɔn anim no, na wɔmemaa wɔn ntotorobɛnto nson.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios