Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 20:36 - New Revised Asante Twi Bible

36 Nso wɔntumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfoɔ, na wɔyɛ Nyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyane mma ntira.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

36 Nso wɔntumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfoɔ, na wɔyɛ Nyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyane mma ntira.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

36 Na owu nso nni hɔ mma wɔn bio, efisɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfo. Esiane sɛ wɔasɔre afi awufo mu no nti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

36 Na owuo nso nni hɔ mma wɔn bio, ɛfiri sɛ, wɔbɛyɛ sɛ ɔsoro abɔfoɔ. Esiane sɛ wɔasɔre afiri awufoɔ mu no enti, wɔyɛ Onyankopɔn mma.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

36 Nso wontumi nwu bio; na wɔte sɛ abɔfo, na wɔyɛ Onyankopɔn mma, sɛ wɔyɛ owunyan mma ntia.

Ver Capítulo Copiar




Luka 20:36
20 Referencias Cruzadas  

Ɔbɛmene owuo akɔsi daa, na AWURADE Nyankopɔn bɛpepa ani nyinaa so nisuo, na wayi ne man ahohora afiri asase nyinaa so akɔ, ɛfiri sɛ AWURADE na waka.


Mɛgye wɔn mafiri Asamando nsam anaa? Mɛgye wɔn owuo mu anaa? Owuo, ɛhe na wo nwowɔeɛ wɔ? Asamando, ɛhe na wo sɛeɛ wɔ? Ahonu ahunta afiri m’ani so.


Sɛ asafo AWURADE seɛ nie: Sɛ wonante m’akwan so na wohwɛ m’ahwɛdeɛ a, ɛnna wo nso wobɛhwɛ me fie nsɛm so na woawɛn m’abannwa nso, na mɛma woanya kwan wɔ yeinom a wɔgyinagyina ha yi ntam.


Owusɔreɛ mu no, wɔnware na wɔmma awadeɛ na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro.


Na wɔnya sɔre firi awufoɔ mu a, wɔnware, nso wɔmma awadeɛ, na wɔte sɛ abɔfoɔ wɔ soro.


Honhom no ara ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Nyankopɔn mma.


Ɔtamfoɔ a ɔdi akyire a ɔbɛtu no aguo no ne owuo.


Sɛ nso awufoɔ sɔreɛ teɛ ne no. Wɔdua no porɔeɛ mu, ɛbɛnyane deɛ ɛmporɔ mu.


Na sɛdeɛ yɛhyɛɛ famni no suban no, sɛ nso yɛbɛhyɛ ɔsoroni no suban ne no.


a ɔbɛsakyera yɛn ahobrɛaseɛ nipadua, sɛdeɛ n’ahoɔden adwuma a ɔde bɛtumi abrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’aseɛ no teɛ.


Nhyira ne kronkron ne deɛ ɔnya kyɛfa ɔsɔreɛ a ɛdi kan no mu. Saa nkurɔfoɔ no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Nyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ, na wɔne no bɛdi ahene mfirinhyia apem.


Na ɔbɛpepa wɔn ani ase nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea biara nni hɔ bio, ɛfiri sɛ kane nnoɔma no atwam.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, nyɛ saa, meyɛ wo ne wo nuanom adiyifoɔ, ne wɔn a wɔkura nwoma yi mu nsɛm mu no awurakwaa. Koto sɔre Onyankopɔn!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios