Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 20:17 - New Revised Asante Twi Bible

17 Na ɔhwɛɛ wɔn anim kaa sɛ: Na ɛdeɛn ne yei a wɔatwerɛ sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno na abɛyɛ tweaso tiboɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

17 Na ɔhwɛɛ wɔn anim kaa sɛ: Na ɛdeɛn ne yei a wɔatwerɛ sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno na abɛyɛ tweaso tiboɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn se, “Ɛno de, na nea wɔakyerɛw se, “ ‘Ɔbo a adansifo apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatibo’ no ase ne dɛn?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

17 Yesu hwɛɛ wɔn dinn bisaa wɔn sɛ, “Ɛnneɛ na deɛ wɔatwerɛ sɛ, “ ‘Ɛboɔ a adansifoɔ apo no, ɛno ara na abɛyɛ tweatiboɔ’ no aseɛ ne sɛn?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

17 Na ɔhwɛɛ wɔn anim kae sɛ: Na ɛdɛn na wɔakyerɛw sɛ: Ɔbo a abantofo apa no, ɛno na abɛyɛ tweaso tibo.

Ver Capítulo Copiar




Luka 20:17
17 Referencias Cruzadas  

Ɔboɔ a abantofoɔ apa no abɛyɛ tweaso boɔ titire.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede ɔboɔ bi retim Sion, ɔboɔ a wɔasɔ no ahwɛ, tweaso tiboɔ a ne boɔ yɛ den a ɛtim hɔ timpa, deɛ ɔgye die no rennwane.


Ɔno mu na ntweaso tiboɔ ne mpɛɛwa ne akodie tadua bɛfiri aba, ɔno mu na ahafoɔ nyinaa bɛbom afiri aba.


Na hwɛ, ɔboɔ a mede mato Yosua anim no, ɔboɔ baako so na aniwa nson guo. Hwɛ, ɛso na mɛkurukyire ne nkurukyireeɛ, asafo AWURADE asɛm nie, na mɛpepa asase yi amumuyɛ da koro.


Yesu see wɔn sɛ: Monkenkanee twerɛ nsɛm no mu pɛn sɛ: Ɔboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ; yei firi Awurade na ɛyɛ nwanwa yɛn ani so?


Ɛnna Yesu hwɛɛ ne ho hyiaeɛ, see n’asuafoɔ no sɛ: Sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Nyankopɔn ahennie mu!


Nso monkenkanee atwerɛ yi pɛn, sɛ: Ɛboɔ a abantofoɔ apoɔ no, ɛno ara na abɛyɛ ɔdan no ntweaso tiboɔ;


Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.


Na ɔbɛneeɛ no, ɔhwɛɛ kuro no suu wɔ so sɛ:


Na mese mo sɛ, yei a wɔatwerɛ nso, ɛtwa sɛ ɛba mu wɔ me ho sɛ: Wɔakan no afra mmaratofoɔ mu. Na deɛ ɛfa me ho no wɔ awieeɛ.


Na Awurade danee ne ho hwɛɛ Petro anim; na Petro kaee Awurade asɛm a ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa no.


Na ɔsee wɔn sɛ: Yei ne me nsɛm a me ne mo wɔ hɔ no, meka mekyerɛɛ mo no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ Mose mmara ne Adiyifoɔ ne Nnwom mu, wɔ me ho no nyinaa ba mu.


Na ɛyɛɛ hɔ, na asɛm a wɔatwerɛ no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtane me kwa.


Oyi ne ɔboɔ a mo abantofoɔ ammuo no, na abɛdi ntweaso ti.


Wɔde mo asi asomafoɔ ne adiyifoɔ fapem a Kristo Yesu no ara ne tweaso tiboɔ titire no so.


Ɛfiri sɛ ɛwɔ atwerɛ no mu sɛ: Hwɛ, mede tweaso tiboɔ a wɔayie no na ne boɔ yɛ den mato Sion, na deɛ ɔgye no die no ani renwu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios