Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 2:38 - New Revised Asante Twi Bible

38 Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

38 Na dɔn no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgyeɛ a wɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

38 Saa bere no ara na ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abofra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a obegye Yerusalem no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

38 Saa ɛberɛ no ara mu, ɔno nso bɛgyinaa hɔ bi yii Onyankopɔn ayɛ saa ara. Ɔkaa abɔfra no ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ɔgye a ɔbɛgye Yerusalem no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

38 Na dɔn no ara mu, ɔno nso begyinaa hɔ bi yii Nyankopɔn ayɛ saa ara, na ɔkaa ne ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔretwɛn ogye a wobegye Yerusalem no nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Luka 2:38
11 Referencias Cruzadas  

Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.


Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;


Na hwɛ, ɔbarima bi wɔ Yerusalem a wɔfrɛ no Simeon; saa onipa yi tene, ɔsuro Nyame, na ɔretwɛn Israel awerɛkyekyerɛ no, na Honhom Kronkron wɔ ne so.


Na odiyifoɔ baa bi a wɔfrɛ no Hana wɔ hɔ. Ɔyɛ Fanuel ba a ɔfiri Aser abusuakuo mu. Wanyini, na ɔwaree ne mmabaaberɛ mu ne ne kunu tenaa mfirinhyia nson.


no deɛ, wampene wɔn agyina ne wɔn nneyɛɛ no so. Ɔfiri Yudafoɔ kuro Arimatea mu, na ɔno ara nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no.


Na yɛn deɛ, yɛn ani daa so sɛ anka ɔno na ɔrebɛgye Israel. Nanso yei nyinaa akyiri no, nnansa ni a nsɛm yi siiɛ.


Na aseda nka Onyankopɔn wɔ n’akyɛdeɛ a ɛnni kabea no ho!


Nhyira nka Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’Agya a ɔde honhom mu nhyira nyinaa ahyira yɛn soro hɔnom Kristo mu,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios