Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 19:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 na wɔadwiri wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennya wo mu boɔ ɔboɔ so, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔdom bɛhwɛɛ woɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 na wɔadwiri wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennya wo mu boɔ ɔboɔ so, ɛfiri sɛ woanhunu berɛ a wɔdom bɛhwɛɛ woɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kurow yi pasaa, efisɛ moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 atɔre mo ne mo mma ase, asɛe mo kuro yi pasaa, ɛfiri sɛ, moapo adom a Onyankopɔn de adom mo no.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 na wɔadwiriw wo ne wo mma a wɔwɔ wo mu no agu fam, na wɔrennyaw wo mu bo ɔbo so, efisɛ woanhu bere a wɔdom bɛhwɛɛ wo no.

Ver Capítulo Copiar




Luka 19:44
19 Referencias Cruzadas  

Nhyira ne deɛ ɔsɔ wo nkɔkoaa mu pempem ɔbotan.


Na mobɛyɛ dɛn asotwe da no ne ɔsɛeɛ a ɛfiri akyirikyiri reba no mu? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔgye mmoa, na ɛhe na mobɛgya mo ahodeɛ no?


Na mɛbɔ wo ho nsraban ahyia, na mede nsrafoɔ atwa wo ho kanko, na mahɔre wo ho pie atia wo.


na nkaeɛ biara renka mma wɔn, na mede bɔne bɛba Anatot mmarima so, wɔn asotwe afe no mu.


Bɔne kɛseɛ na Yerusalem ayɛ, ɛno nti na wadane akyiwadeɛ. Wɔn a anka wɔdi no ni nyinaa bu no animtiaa, ɛfiri sɛ wɔahunu n’adagya; ɔno nso gu ahome, na wadane n’ani.


Wɔahyɛ mfeɛ aduɔson ahodoɔ nson wɔ wo man ne wo kuro kronkron no so, sɛ wɔnwie mmarato na wɔmma bɔne nwie du, na wɔmpata amumuyɛ na wɔmfa daa tenenee mmra, na wɔnsɔ anisoadehunu ne adiyisɛm ano na wɔnsra akronkronneɛ mu ade kronkron.


Saa berɛ no akyiri no, wɔbɛtwa deɛ wɔasra no no atwene a ɛrenka no hwee; na ɔberempɔn a ɔbɛba no man no bɛsɛe kuro ne kronkronbea no, na n’awieeɛ bɛyɛ nyirisramsoɔ mu, na akodie bɛduru awieeɛ, amamfoyɛ a wɔahyɛ pintinn no.


Saa nti, mo nti wɔbɛfɛntɛm Sion sɛ afuo, na Yerusalem adane aboɔ akuakuo, na efie no bepɔ adane kwaeɛ sorɔnsorɔmmea.


Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monhunu yeinom? Nokorɛ mese mo sɛ: Wɔrennya ɔboɔ a ɛsi ɔboɔ so ɛha a wɔrennwiri ngu fam.


Na Yesu see no sɛ: Woahunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɔboɔ a ɛda ɔboɔ so a wɔrennwiri ngu fam.


Nhyira ne Awurade, Israel Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wabɛhwɛ na wagye ne man;


ɛfiri yɛn Nyankopɔn mmɔborɔhunu a ɛmaa ne yam hyehyee no no mu. Ɛno nti na adekyeeɛ a ɛfiri soro abɛpue yɛn soɔ,


Wo ara nso mpo, ɛnnɛ sɛ wo ankasa wonim deɛ ɛfa asomdwoeɛ ho a, anka ɛyɛ. Nanso afei, wɔde ahunta wo.


Nnoɔma a mohunu yi deɛ, nna bi bɛba a wɔrennya ɔboɔ wɔ ɔboɔ so wɔ emu a wɔrennwiri ngu fam.


na mommɔ bra pa amanaman mu, na deɛ wɔdi mo ho nsekuro wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfoɔ no, wɔhwɛ mo nneyɛɛ pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn animuonyam, “nsra da” no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios