Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 19:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Na ɔtutuu mmirika dii kan kɔforoo akyee dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; ɛfiri sɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Na ɔtutuu mmirika dii kan kɔforoo akyee dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; ɛfiri sɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na esisi hɔ no ase nti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Esiane sɛ na Sakeo nim sɛ Yesu bɛfa nnyedua bi a na ɛsisi hɔ no ase enti, ɔyɛɛ ntɛm kɔforoo saa nnyedua no mu baako.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Na otutuu mmirika dii kan kɔforoo ankye dua bi sɛ ɔrekɔhwɛ no; efisɛ ɛhɔ na ɔrebɛfa.

Ver Capítulo Copiar




Luka 19:4
11 Referencias Cruzadas  

Na ɔhene maa dwetɛ buu so sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso yɛɛ pii sɛ akyee nnua a ɛwɔ asaseta soɔ no.


Na ngo nnua ne akyee a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no so na Gederni Baal-hanan die. Na ngo akoradeɛ no so na Yoas die.


Na ɔhene maa dwetɛ ne sika yɛɛ sɛ aboɔ wɔ Yerusalem, na ntweneduro nso ɔmaa ne dodoɔ yɛɛ sɛ akyee a ɛwowɔ mpaperɛ soɔ.


Na ɔhene maa dwetɛ yɛɛ sɛ aboɔ, Yerusalem, na ntweneduro nso, ɔmaa no yɛɛ sɛ akyee nnua a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no dodoɔ.


Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobe, na ɔde nsukyenkyeneeɛ bɔɔ wɔn akyee nnua,


Ntayaa adan abubu, nanso yɛde aboɔ a wɔatwa bɛto; wɔabubu akyee, na yɛde ntweneduro bɛsi ananmu.


Ɛnna Amos bua see Amasia sɛ: Ɛnyɛ odiyifoɔ ne me na ɛnyɛ odiyifoɔ ba ne me; na meyɛ mmoahwɛfoɔ ne ɔdɔma so hwɛfoɔ.


Na Awurade se: Sɛ mowɔ gyidie sɛ sinapi fua a, anka mobɛka akyerɛ akyee yi sɛ: Wo nhini ntutu na kɔtim ɛpo mu! Na ɛbɛtie mo.


Na ɔrehwehwɛ Yesu ahunu ne nipaban, nanso nkurɔfokuo no nti ɔntumi, ɛfiri sɛ ɔyɛ akwatia.


Na Yesu duruu hɔ no, ɔmaa n’ani so hunuu no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sakeo, yɛ ntɛm si fam! Na wo fie na ɛsɛ sɛ metena nnɛ.


Na nkurɔfokuo no nti wɔannya kwan a wɔde no bɛfa soɔ aba no, wɔkɔɔ ɔdan no atifi de no faa ntaayaa no mu, ne kɛtɛ so, bɛtoo mfimfini, Yesu anim.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios