Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 19:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Akoa bɔne, wo ara w’anom asɛm so na menam mɛbu wo atɛn. Wonim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa deɛ memfa mentoo hɔ, na metwa deɛ menguiɛ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 “Ne wura no buaa no se, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na migyina abu wo atɛn. Wunim sɛ me ho yɛ nwonwa. Nea ɛnyɛ me dea no migye; nea minnuae no, mitwa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 “Ne wura no buaa no sɛ, ‘Akoa bɔne, wo anom asɛm so na megyina abu wo atɛn. Wonim sɛ me ho yɛ nwanwa. Deɛ ɛnyɛ me dea no megye; deɛ mennuaeɛ no, metwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na owura no see no sɛ: Akoa bɔne, w’ankasa anom asɛm so na menam mebu wo atɛn. Wunim sɛ meyɛ onipa a meyɛ den a mefa nea memfa mentoo hɔ, na mitwa nea mingui ɛ,

Ver Capítulo Copiar




Luka 19:22
8 Referencias Cruzadas  

Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wo mogya ngu w’atifi, na w’ano na adi wo adanseɛ sɛ: Me na makum deɛ AWURADE asra no ngo no.


Na wo nsɛm so na wɔnam bɛbu wo bem, na wo nsɛm so nso na wɔnam bɛbu wo fɔ.


Na ɔbisaa no sɛ: Awɛ, wobaa mu ha sɛn ni, na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ yi? Na ɔtɔree mum.


Na mesuroo wo, ɛfiri sɛ woyɛ onipa a woyɛ den, wofa deɛ womfa ntoo hɔ, na wotwa deɛ wonguiɛ.


na adɛn nti na woamfa me sika no ankɔto sikakorabea, na meba a, mabɛgye m’adeɛ ne ɛho nsiho?


Na yɛnim sɛ biribiara a mmara seɛ no, ɛka kyerɛ wɔn a wɔwɔ mmara no ase, na wɔamua obiara ano, na wiase nyinaa aba Nyankopɔn atemmuo mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios