Luka 19:15 - New Revised Asante Twi Bible15 Na ɛbaa sɛ ɔnyaa ahennie no na ɔsane baeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na ɔnhunu deɛ obiara adi dwa anya. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron15 Na ɛbaa sɛ ɔnyaa ahennie no na ɔsane baeɛ no, ɔhyɛɛ sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na ɔnhunu deɛ obiara adi dwa anya. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm15 “Nanso wosii no hene ma ɔsan kɔɔ faako a na ɔyɛ adwuma no. Odui no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfo du no se, wommebu sika a ɔde maa wɔn no ho akontaa nkyerɛ no. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm15 “Nanso, wɔsii no ɔhene ma ɔsane kɔɔ baabi a na ɔyɛ adwuma no. Ɔduruiɛ no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ edu no sɛ, wɔmmɛbu sika a ɔde maa wɔn no ho nkonta nkyerɛ no. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON15 Na ɛbae sɛ onyaa ahenni no na ɔsan bae no, ɔhyɛe sɛ wɔmfrɛ ne nkoa a ɔde sika no maa wɔn no mmrɛ no, na onhu nea obiara adi gua anya. Ver Capítulo |