Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 18:32 - New Revised Asante Twi Bible

32 Na wɔbɛyi no ahyɛ wiase aman sofoɔ nsa, na wɔagoro ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasuo agu ne so,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

32 Na wɔbɛyi no ahyɛ wiase aman sofoɔ nsa, na wɔagoro ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasuo agu ne so,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

32 Wobeyi no ama amanamanmufo ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasu agu ne so,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

32 Wɔbɛyi no ama amanamanmufoɔ ama wɔadi ne ho fɛw, na wɔabɔ no adapaa, ate ntasuo agu ne so,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

32 Na wobeyi no ahyɛ wiase aman sodifo nsa, na wɔagoru ne ho, na wɔabɔ no adapaa, na wɔatete ntasu agu no so,

Ver Capítulo Copiar




Luka 18:32
26 Referencias Cruzadas  

Medanee m’akyi memaa mmaakafoɔ, ne m’afono nso, memaa enwi tutufoɔ. Manyi m’ani mamfiri ahohoradeɛ ne ntasuo ho.


Sɛdeɛ ne ho yɛɛ nnipa pii ahodwirie no, ɛsiane sɛ n’anim asɛe a ɛnte sɛ onipa deɛ, na ne nipaban nte sɛ nnipa mma deɛ bio no nti,


Wɔbuu no animtia, na nnipa poo no, ɔyɛ onipa a ɔhunuu ayayadeɛ na ɔnim yadeɛ, na wɔbuu no animtia sɛ obi a nnipa yi wɔn ani hunta no, na yɛammu no hwee.


Afei bɔ kyenku, wo Sion babaa. Ɔtua yɛn twa yɛn ho hyia. Wɔde abaa bɔ Israel temmufoɔ nnyepi.


Na ɛfiri saa berɛ no na Yesu Kristo fitii aseɛ kyerɛɛ n’asuafoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na ɔkɔhunu amane pii mpanimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no nsam, na wɔakum no, na ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no wanyane.


na wɔde no ahyɛ amanaman mufoɔ nsa sɛ wɔngoro ne ho, na wɔnka no mpire na wɔmmɔ no asɛnnua mu, na da a ɛtɔ so nnansa no ɔbɛnyane bio.


Na wɔn a aka no kyekyeree ne nkoa no bɔɔ wɔn adapaa kunkumm wɔn.


Ɛnna wɔtee ntasuo guu n’anim na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ


Na wɔkyekyeree no de no kɔ kɔhyɛɛ Amrado Pilato nsa.


Na ebinom fitii aseɛ hinam ntasuo guu ne so, na wɔkataa n’ani, na wɔbobɔɔ no akuturuku, na wɔsee no sɛ: Hyɛ nkɔm! Na asomfo no bobɔɔ no asotorɔ.


Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.


na wɔaka no mpire, na wɔakum no, na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wasɔre bio.


Ɛnna nnipakuo no nyinaa sɔre de no kɔɔ Pilato anim.


Na Herode ne ne dɔm no bɔɔ no adapaa, goroo ne ho, na ɔhyɛɛ no atadeɛ nahanaha bi de no kɔmaa Pilato bio.


Na ɔman no gyina hɔ rehwɛ. Na mpanimfoɔ no nso yii no ahi sɛ: Ɔgyee binom; sɛ oyi ne Kristo no a Onyankopɔn ayi no no a, ma no nnye ne ho ɛ!


Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie?


Ɛnna wɔde Yesu firi Kaiafa nkyɛn kɔɔ amrado aban mu; na ɛyɛ anɔpatutu. Na wɔn ara deɛ, wɔanhyɛne amrado aban no mu, na efi anka wɔn, na wɔadi Twam (aduane) no.


Wɔbua see no sɛ: Sɛ oyi nyɛ ɔdebɔneyɛni a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.


(Ɛbaa saa no, na Yesu asɛm a ɔka de kyerɛɛ owu korɔ a ɔrebɛwuo no aba mu.)


Pilato buaa no sɛ: Meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me; ɛdeɛn na woyɛeɛ?


ɔno ara a wɔnam Nyankopɔn agyina a ɔtuiɛ, ne ne nim a ɔnim dada so yii no maeɛ no, na mofaa no, nam wɔn a wɔnni mmara nsa soɔ bɔɔ no asɛnnua mu kumm no.


Abraham ne Isak ne Yakob Nyankopɔn, yɛn agyanom Nyankopɔn, na wahyɛ n’akoa Yesu a moyii no maeɛ, na mopoo no wɔ Pilato a ɔbuu atɛn sɛ ɔbɛgyaa no no anim no animuonyam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios