Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 18:30 - New Revised Asante Twi Bible

30 na ɔrennya no mmɔho pii ɛberɛ yi mu ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

30 na ɔrennya no mmɔho pii ɛberɛ yi mu ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

30 na ɔrennya mma ɛmmoro nea wahwere no so saa bere yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a enni awiei.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

30 na ɔrennya mma ɛmmoro deɛ wahwere no so saa ɛberɛ yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a ɛnni awieeɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

30 na ɔrennya no mmɔho pii ɛbere yi mu, ne wiase a ɛreba no mu daa nkwa.

Ver Capítulo Copiar




Luka 18:30
19 Referencias Cruzadas  

Na Hiob bɔɔ ne nnamfo no tiri so mpaeɛ no, AWURADE danee ne duamda no na AWURADE de adeɛ a Hiob nyaeɛ no nyinaa mmɔho mmienu maa no.


Sɛdeɛ wo nsɛm si yɛ me dodom dɛ! Ɛsene sɛdeɛ ɛwoɔ yɛ m’anomu.


Mafa w’adansesɛm mayɛ m’agyapadeɛ daa, na ɛno na ɛma m’akoma ani gyeɛ.


Enti medɔ wo mmara nsɛm sene sika kɔkɔɔ ne amapa.


M’ani ka w’asɛm ho sɛdeɛ wanya asadeɛ pii.


W’anomu mmara yɛ ma me sene sika ne dwetɛ mpempem.


Adeɛ kakra a onipa tenenee wɔ no yɛ sene abɔnefoɔ bebree ahonyadeɛ dodoɔ,


Na deɛ ɔbɛkasa atia Onipa Ba no, wɔde bɛkyɛ no; na deɛ ɔbɛkasa atia Honhom Kronkron deɛ, wɔremfa nkyɛ no wiase ha ne wiase a ɛreba no mu.


Na ne ho asɛm trɛ kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a wɔyareɛ nyinaa, a nyarewa ne ɔhaw ahodoɔ akuta wɔn, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn soɔ, wɔn a wɔyare ɛtwirɛ ne wɔn a wɔyare mmubuo brɛɛ no na ɔsaa wɔn yadeɛ.


na honam mu mmɔdemmɔ ho mfasoɔ sua, na onyamesom pa ho wɔ mfasoɔ, ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne deɛ ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.


Na onyamesom pa a abodwoɔ wɔ mu yɛ adenya kɛse.


Nsuro amaneɛ a worebɛhunu biara. Hwɛ, ɔbonsam de mo mu binom bɛgu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ, na mobɛhunu amane dadu. Di nokorɛ kɔduru owuo mu, na mɛma wo nkwa abotire.


Deɛ ɔwɔ aso no ntie deɛ Honhom no reka kyerɛ asafo ahodoɔ no: Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma no mana a ahunta no bi adi, na mɛma no ɔboɔ fitaa, na ɔboɔ no so na wɔatwerɛ din foforɔ bi a obiara nnim, sɛ deɛ ɔnya no nko.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios