Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 18:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpaeɛ ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛdeɛ nnipa a aka no teɛ: Amimfoɔ, nkontompofoɔ, ayerefafoɔ anaa ɔtogyeni yi mpo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Farisini yi kogyinaa faako a obiara behu no bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a wɔaka no; apoobɔfo nkontompofo, aguamammɔfo ne saa towgyeni a ogyina hɔ yi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Farisini yi kɔgyinaa baabi a obiara bɛhunu no bɔɔ mpaeɛ sɛ, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfoɔ nkontompofoɔ, adwamanfoɔ ne saa ɔtogyeni a ɔgyina hɔ yi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Farisini no gyinae, na ɔbɔɔ mpae ne tirim sɛ: Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛnea nnipa a aka no te: Amimfo, nkontompofo, ayerefafo anaa mpo ɔtowgyeni yi mpo.

Ver Capítulo Copiar




Luka 18:11
26 Referencias Cruzadas  

Hwɛ, mo AWURADE nkoa a mogyina AWURADE fie anadwo no, monhyira AWURADE.


mo a mogyina AWURADE fie, yɛn Nyankopɔn fie adihɔ.


Nnipa bebree ka wɔn ara adɔeɛyɛ, na ɔbarima nokwafoɔ deɛ, hwan na ɔbɛhu no?


Nnipa bi wɔ hɔ a wɔn ho teɛ wɔ wɔn ara wɔn ani soɔ, nanso wɔntee wɔn ho mfirii wɔn fi mu.


Na sɛ motrɛ mo nsam a, mɛyi m’ani mahunta mo; nso sɛ momma mpaebɔ dɔɔso a, me deɛ, merentie; mogya ayɛ mo nsa mama.


Ɛwom, wɔhwehwɛ me da biara, na wɔpɛ sɛ wɔhunu m’akwan, sɛ gyama wɔyɛ ɔman bi a wɔdi asɛntenenee na wɔnnyaa wɔn Nyankopɔn ahyɛdeɛ no; wɔbisa me hɔ asɛntenenee, wɔpɛ sɛ wɔpinkyɛ Onyankopɔn.


Wɔka sɛ: Twe wo ho, nka me, na me ho te sene woɔ no. Yeinom ne me hwene mu wisie, ogya a ɛdɛre daa nyinaa.


Na ɛhe na w’anyame a woyɛ faeɛ no wɔ? Ma wɔnsɔre, sɛ wɔbɛtumi agye wo, w’amanehunu berɛ mu anaa? Na sɛdeɛ wo nkuro dodoɔ teɛ no, saa ara na w’anyame dodoɔ teɛ, O Yuda!


woka sɛ: Medi bem. Ampa ara, n’abufuo adane afiri me so. Hwɛ, me ne wo bɛdi, sɛ woka sɛ: Menyɛɛ bɔne, no nti.


Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.


Emu atitire gye adanmudeɛ bu atɛn, na emu asɔfoɔ gye akatua kyerɛkyerɛ, na emu adiyifoɔ gye sika hyɛ nkɔm, na wɔtwere AWURADE ka sɛ: Ɛnyɛ AWURADE na ɔwɔ yɛn ntɛm yi? Bɔne biara remma yɛn so.


Filipo ne Bartolomeo, Toma ne togyeni Mateo no, Alfeo ba Yakobo ne Tadeo,


Na mese mo sɛ, sɛ mo tenenee ammoro Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no deɛ so a, morennya ɔsoro ahennie mu nhyɛne.


Na sɛ morebɔ mpaeɛ a, monnyɛ sɛ nyaatwomfoɔ no; na wɔpɛ sɛ wɔgyina hyia adan mu, ne mmɔntene ntweaso bɔ mpaeɛ, na nnipa ahu wɔn. Nokorɛ mese mo sɛ, wɔanya wɔn akatua dada.


Na sɛ mogyina hɔ rebɔ mpaeɛ, na mowɔ biribi tia obi a, momfa nkyɛ no, na mo Agya a ɔwɔ soro no nso de mo mfomsoɔ akyɛ mo.


wɔn na wɔbɔ akunafoɔ apoo, nanso wɔboapa bɔ mpaeɛ atentene kyerɛ. Yeinom na wɔbɛnya afobuo a ɛso.


Na ɔtwee ne ho firii wɔn nkyɛn bɛyɛ sɛ deɛ wɔto ɔboɔ a, ɛbɛtɔ no, ɔkotoo ne nan anim bɔɔ mpaeɛ


Na dodoɔ a wɔde wɔn ho to mmara nnwuma soɔ no hyɛ nnome ase; ɛfiri sɛ wɔatwerɛ sɛ: Wɔadome obiara a ɔnkɔ so ara ntena deɛ wɔatwerɛ no mmara nwoma no mu nyinaa, na ɔnyɛ no.


mmɔdemmɔ fam, metaa asafo no, mmara mu tenenee fam, wɔannya me ho asɛm.


Ɛfiri sɛ wose: Meyɛ ɔdefoɔ na manya me ho, na hwee nhia me, na wonnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni ne ohiani ne onifirani ne ɔdagyani.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios