Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 17:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mobɛhunu Onipa Ba no nna no mu baako, na morenhunu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mobɛhunu Onipa Ba no nna no mu baako, na morenhunu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Mmere bi bɛba a mo ani begyina sɛ mubehu me bere tiaa bi wɔ mo nkyɛn, nanso morenhu me.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Na ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mmerɛ bi bɛba a mo ani bɛgyina sɛ mobɛhunu Onipa Ba no wɔ mo nkyɛn, nanso morenhunu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na ɔka kyerɛɛ asuafo no sɛ: Nna bi bɛba a mobɛpɛ sɛ mubehu Onipa Ba no nna no mu biako, na morenhu.

Ver Capítulo Copiar




Luka 17:22
11 Referencias Cruzadas  

Na Yesu buaa wɔn sɛ: Ayeforɔkunu ne ayeforɔ asefoɔ no wɔ hɔ yi, ɛbɛyɛ dɛn na wɔn werɛ aho? Na nna bi bɛba a wɔbɛyi ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, na ɛno ansa na wɔbɛdi mmuada.


Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn, ɛno mu na wɔbɛdi abuada.


Hwɛ, wɔbɛgya mo fie fituo ama mo. Na mese mo sɛ: Morenhu me, gye da a ɛbɛba sɛ mobɛka sɛ: Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!


Na nna bi bɛba a wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn; saa nna no mu na wɔbɛdi mmuada.


Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Aka hann no berɛ tiaa bi wɔ mo mu. Mowɔ hann no yi, monnante, na esum ammɛto mo; na deɛ ɔnam sum mu no nnim faako a ɔrekorɔ.


Mma nkumaa, berɛ tiaa bi na aka a mene mo wɔ hɔ. Mobɛhwehwɛ me, na sɛdeɛ meka mekyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ: Faako a merekorɔ no, mo deɛ, montumi mma hɔ no, saa ara na afei mese mo nso.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios