Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 16:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na yei nyinaa nna nkyɛn, eku kɛseɛ da yɛne mo ntam a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha yi ba mo nkyɛn ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ nohoa ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na yei nyinaa nna nkyɛn, eku kɛseɛ da yɛne mo ntam a, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha yi ba mo nkyɛn ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ nohoa ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Ɛnyɛ eyi nko, obon kɛse da yɛn ne mo ntam a ɛno nti, wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wofi mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Ɛnyɛ yei nko, ɛbɔn kɛseɛ da yɛn ne mo ntam a ɛno enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri ha ba mo nkyɛn hɔ ne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔfiri mo nkyɛn hɔ ba ha no nso rentumi mma.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na eyi nyinaa nna nkyɛn, oku kɛse da yɛne mo ntam a wɔn a wɔpɛ sɛ wofi ha yi ba mo nkyɛn no ntumi mma, na wɔn nso a wɔwɔ noho ntumi ntra mma yɛn nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar




Luka 16:26
15 Referencias Cruzadas  

Wɔboa Asamando sɛ nnwan; Owuo hwɛ wɔn so, na teneneefoɔ bɛtiatia wɔn so anɔpa, na wɔn deɛ, Asamando bɛsɛe wɔn ahoɔfɛ, na wɔannya tenabea bio.


Mo a mo werɛ firi Onyankopɔn no, monnwene yei ho ɛ, na mantete mo asinasini a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.


Na kasɛɛ a ɛwɔ onipa ne hwerɛmo a ɛyɛ ya renka hɔ mma Israel fie bio, mfiri wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔbu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.


Ɛnna mobɛsane ahunu nsonoeɛ a ɛda ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ ntam, ne deɛ ɔsom Onyankopɔn ne deɛ ɔnsom no no ntam.


Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ahoyera mu; na nnipa tenenee no bɛkɔ daa nkwa mu.


Nokorɛ mese wo sɛ: Woremfiri hɔ ara da, gye sɛ woatua kaprɛ a ɛbɛka akyire no mpo ansa.


Na Abraham se: Ɔba, kae sɛ wote aseɛ no, wonyaa ahotɔ, na Lasaro nso deɛ, ɔhunuu amane; afei na ne werɛ akyekyerɛ, na wo nso, worehunu amaneɛ.


Na ɔse: Ɛnneɛ, agya mesrɛ wo sɛ, soma no ma no nkɔ m’agya fie;


Deɛ ɔgye Ɔba no die no wɔ daa nkwa; na deɛ ɔntie Ɔba no deɛ, ɔrenya nkwa, na Nyankopɔn abufuo da ne so.


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Deɛ ɔntene no nntene ara, na deɛ ɔyɛ fi no nyɛ fi ara. Na deɛ ɔtene no ntene ara, na deɛ ɔyɛ kronkron no nyɛ kronkron ara.


Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, wato ne ho pono ne fie hɔ sɛ ɔhene pono na Nabal ani agye ne ho, na waboro titaa. Na wanka no hwee kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios