Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 16:23 - New Revised Asante Twi Bible

23 Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

23 Na ɔmaa n’ani soɔ wɔ Asamando no, na ɔwɔ aninyanneɛ mu, na ɔhunuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ ɔtwere ne kokom.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

23 Ɔdefo no wɔ asaman a ne ho yeraw no no, ɔmaa nʼani so huu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

23 Ɔdefoɔ no wɔ asaman a ne ho yera no no, ɔmaa nʼani so hunuu Lasaro sɛ ɔte Abraham nkyɛn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

23 Na ɔmaa n’ani so wɔ asaman no, na ɔwɔ aninyanne kɛse mu, na ohuu Abraham akyirikyiri ne Lasaro sɛ otweri ne kokom.

Ver Capítulo Copiar




Luka 16:23
26 Referencias Cruzadas  

Na worennya me kra Asamando, woremma wo hoteni nhunu Amena mu porɔeɛ.


Na me kra deɛ, Onyankopɔn bɛgye no Asamando nsam, na ɔbɛgye me.


sɛ w’adɔeɛ so wɔ me soɔ, na woayi me kra afiri Asamando bunu mu.


Abɔnefoɔ bɛsane akɔ Asamando, amanaman a wɔn werɛ afiri Onyankopɔn nyinaa.


Nkwa kwan kɔ ɔsoro ma onimdefoɔ, na wakwati Asamando a ɛwɔ aseɛ no.


Ne nan siane kɔ owuo mu, Asamando na n’anammɔn tutu korɔ.


ne fie ne Asamando kwan, ɛsiane kɔ owuo mpia mu.


Nso onii no nnim sɛ nsamanfoɔ wɔ hɔ, Asamando abunu mu na wɔn a wahyia wɔn no wɔ.


Mmom Asamando na woresiane akɔ akɔduru Amena no ase tɔnn.


Asamando a ɛwɔ aseɛ no ka ne ho bɛhyia wo ba; ɛhwanyan nsamanfoɔ ma wo, wɔn a anka na wɔyɛ asase so akunini nyinaa; ɛma wɔn a anka wɔyɛ amanaman ahemfo nyinaa sɔresɔre firi wɔn ahennwa so.


Na wo Kapernaum, wɔbɛma wo so akɔ soro anaa? Hwɛ, wɔbɛbrɛ wo ase akɔ Asamando; ɛfiri sɛ tumideɛ a wɔayɛ no wo mu yi, sɛ wɔyɛɛ no Sodom a, anka ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.


Na sɛ w’ani to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ wode ani korɔ bɛkɔ nkwa mu, sene sɛ wowɔ ani mmienu, na wɔde wo bɛto ogya amanehunu kuro mu.


Awɔ, nhuritia mma! Mobɛyɛ dɛn adwane amanehunu kurom atemmuo?


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ne bo fu ne nua no bɛdi atemmuo mu fɔ; na obiara a ɔbɛse ne nua sɛ: Raka no bɛdi fɔ mpanimfoɔ atitire no asɛnniiɛ. Na obiara a ɔbɛka sɛ: Ɔkwasea! no bɛdi fɔ akɔ ogya amanehunu kurom.


Na sɛ w’ani nifa to wo suntidua a, tu, na to firi wo ho twene! Na ɛyɛ ma wo sɛ, wo ho akwaa mu baako bɛsɛeɛ, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto amanehunu kurom.


Na hwɛ, wɔteateaa mu sɛ: Ɛdeɛn na yɛne wo wɔ yɛ, Nyankopɔn ba? Wobaa ha sɛ worebɛteetee yɛn ansa na ɛberɛ no aduru anaa?


Na ɔteaa mu sɛ: Agya Abraham, hu me mmɔbɔ, na soma Lasaro ma no mfa ne nsateaa ano nkɔbɔ nsuo mu, na ɔmfa mmɛdwodwo me tɛkyerɛma; na merehunu amane ogyaframa yi mu.


na mewɔ nuammarimanom baanum, na ɔnkɔdi wɔn adanseɛ, na wɔn nso amma aninyanneɛ mu ha yi bi.


Na ɔhunuu Yesu no, ɔteaa mu denden hwee ase n’anim, na ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ: Yesu, Onyankopɔn a ɔwɔ sorosoro no ba, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Mesrɛ wo sɛ nha me!


O, owuo, wo nkonim wɔ he? Owuo, wo nwowɔeɛ wɔ he?


Na sɛ Onyankopɔn ankora abɔfoɔ a wɔyɛɛ bɔne no, na mmom ɔde esum kabii ahoma kyeree wɔn guu Asamando amanehunu bunu mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmuo a,


Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtoo no twenee ogya ne sɔfe tadeɛ no mu, deɛ aboa no ne odiyifoɔ torofoɔ no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios