Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Luka 16:20 - New Revised Asante Twi Bible

20 Na ohiani bi a watutu akuro nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’aboboano.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

20 Na ohiani bi a watutu akuro nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’aboboano.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

20 Na ɔbarima hiani bi a akuru atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼabobow ano.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

20 Na ɔbarima hiani bi a akuro atutu no a wɔfrɛ no Lasaro no nso da nʼaboboano.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

20 Na ohiani bi a watutu akuru nso tenaa ase a wɔfrɛ no Lasaro a wɔde no akɔto n’abobow ano.

Ver Capítulo Copiar




Luka 16:20
14 Referencias Cruzadas  

Ɛnna Satan firii AWURADE anim kɔeɛ, na ɔde akuro bɔne kɔtutuu Hiob firi ne nan ase kɔsii n’apampam.


Ɔteneneeni amaneɛ dɔɔso, na AWURADE gye no ne nyinaa mu.


nanso wɔaha me da mu nyinaa na wɔatwe m’aso anɔpa biara.


Ɛfiri nan ase kɔsi atifi, amudie biara nni ho, apirakuro ne nsoasoaeɛ ne akuro a ɛretu mogya; wɔmmiae na wɔnkyekyeree, ɛnna wɔmfaa ngo nnwodwoeɛ.


Aduhwam biara nni Gilead, anaasɛ ɔyaresafoɔ biara nni hɔ? Na adɛn nti na wɔnnya nsaa me man babaa no yadeɛ?


Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam!


Na ɔdefoɔ bi tenaa ase a na ɔhyɛ atadeɛ pa a ne boɔ yɛ den, na ɔde asetena fɛfɛ gyee n’ani daa.


Na ne kɔn dɔɔ sɛ ɔdi mporoporowa a ɛfiri ɔdefoɔ no pono soɔ agu fam no meeɛ; nanso akraman ba bɛtaferee n’akuro mu.


Na ɔyarefoɔ bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Lasaro a ɔfiri Betania, Maria ne ne nuabaa Marta kuro mu.


Na wɔso ɔbarima bi a ɔyɛ obubuani firi ne na yam a daa wɔde no bɛto asɔrefie pono a wɔfrɛ no Fɛfɛ no ano sɛ ɔnsrɛ wɔn a wɔrekɔ asɔrefie no hɔ mmɔborɔhunu adeɛ.


Na ma onua a wɔabrɛ aseɛ nhoahoa ne ho, sɛ wɔrema ne soɔ no mu,


Me nuanom adɔfo, montie! Onyankopɔn nyii wiase ahiafoɔ sɛ wɔnyɛ gyidie mu ahonyafoɔ ne ahennie a ɔde ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no adedifoɔ anaa?


Ɔma mmɔborɔni so firi mfuturo mu, na ɔma ohiani so firi sumina so, sɛ ɔde no bɛtena mmapɔmma mu, na wama no anya animuonyam adwa so atena. Na asase nnyinasoɔ yɛ AWURADE dea, na ɔde wiase asi so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios